Marko 10
10
Awaregyaeɛ ho asɛmmisa
(Mateo 19.1-9)
1 #
Mar 9.33
Na ɔsɔre firii hɔ baa Yudea fam ne Yordan agya nohoa; na nkurɔfoɔ akuakuo boaboaa wɔn ano baa ne nkyɛn bio, na sɛdeɛ ɔyɛ daa no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn bio. 2Na Farisifoɔ no ba bɛbisaa no sɛ: Ɔbarima wɔ ho kwan sɛ ɔgyaa ne yere anaa? Na wɔde resɔ no ahwɛ. 3Na ɔbua see wɔn sɛ: Ɛdeɛn na Mose hyɛɛ mo no? 4#Deut 24.1; Mat 5.31-32 Na wɔkaa sɛ: Mose maa kwan sɛ ɔntwerɛ awaregyaeɛ nwoma mma no na ɔnnyae no. 5Na Yesu bua see wɔn sɛ: Mo akomaden nti na ɔtwerɛɛ saa ahyɛdeɛ yi maa mo; 6#Gye 1.27 na ɛfiri adebɔ mfitiaseɛ no, ɔbarima ne ɔbaa na Onyankopɔn bɔɔ wɔn. 7Yei nti na ɔbarima bɛgya n’agya ne ne na hɔ, na ɔde ne ho akɔbɔ ne yere ho, 8#Gye 2.24 na wɔn baanu akɔyɛ ɔhonam koro. Ne saa nti, wɔnna so nyɛ baanu bio, na mmom wɔyɛ honam koro. 9Enti deɛ Onyankopɔn de abom no, mma onipa nntete mu. 10Na ɔwɔ fie no, n’asuafoɔ no bisaa no asɛm no ara bio. 11#Luka 16.18 Na ɔsee wɔn sɛ: Obiara a ɔbɛgyaa ne yere na ɔbɛware ɔfoforɔ no, na wasɛe awadeɛ ɔbaa no fam, 12na sɛ ɔbaa no nso gyaa ne kunu na ɔware ɔfoforɔ a, na wasɛe awadeɛ.
Kristo hyira mmɔfra
(Mateo 19.13-15; Luka 18.15-17)
13Na wɔde mmɔfra brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so, na n’asuafoɔ no kaa wɔn a wɔde wɔn baeɛ no anim. 14Na Yesu hunuiɛ no, anyɛ no abodwo, na ɔsee wɔn sɛ: Momma mmɔfra no kwan, na wɔmmra me nkyɛn, na monnsi wɔn kwan, na yeinom sɛɛ na Nyankopɔn ahennie no yɛ wɔn dea. 15#Mat 18.3 Nokorɛ mese mo sɛ: Obiara a ɔrennye Nyankopɔn ahennie sɛ abɔfra no, ɔrenkɔ mu koraa. 16#Mar 9.36 Na ɔyɛɛ wɔn atuu, de ne nsa guu wɔn so hyiraa wɔn.
Daa nkwa
(Mateo 19.16-30; Luka 18.18-30)
17Na ɔfirii adi kɔɔ ɔkwan soɔ no, obi tutuu mmirika bɛkotoo n’anim bisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ pa, ɛdeɛn na menyɛ, na manya daa nkwa? 18Na Yesu see no sɛ: Adɛn na wofrɛ me papa? Obiara nyɛ papa, gye ɔbaako, ɔno ne Onyankopɔn. 19#Eks 20.12-17 Wonim mmara nsɛm no: Nni awu! Nsɛe awadeɛ! Mmɔ korɔno! Nni adansekurumu! Nsisi! Di w’agya ne wo na ni. 20Na ɔsee no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yeinom nyinaa mefiri me mmɔfraase na medii soɔ. 21#Mar 8.34; Mat 10.38 Na Yesu hwɛɛ no dinn, na ɔdɔɔ no, na ɔsee no sɛ: Aka wo adeɛ baako: Kɔ na kɔtɔn deɛ wowɔ nyinaa, na fa ma ahiafoɔ, na wobɛnya agyapadeɛ ɔsoro; na bra bɛdi m’akyi. 22Na asɛm no nti ɔmunae de awerɛhoɔ kɔe; ɛfiri sɛ na ɔwɔ ahonyadeɛ bebree.
23Ɛnna Yesu hwɛɛ ne ho hyiaeɛ, see n’asuafoɔ no sɛ: Sɛ moahunu den a ɛyɛ ma wɔn a wɔwɔ ahonyadeɛ sɛ wɔbɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu! 24#Dwom 62.10; 1 Ti 6.17 Na ne nsɛm no yɛɛ asuafoɔ no ahodwiri. Na Yesu bua see wɔn bio sɛ: Mma, sɛ moahunu den a ɛyɛ ma wɔn [a wɔde wɔn ho to ahonyadeɛ soɔ]#10.24 Tete atwerɛ afoforɔ a wɔgye to mu no bi mfa a wɔde wɔn ho to ahonyadeɛ soɔ nka ho. sɛ wɔbɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu! 25Ɛyɛ mmerɛ sɛ yoma bɛfa paneɛ aniwa mu sene sɛ ɔdefoɔ bɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu. 26Na ɛyɛɛ wɔn ahodwiri boroo so; na wɔsesee wɔn ho sɛ: Ɛnneɛ na hwan na wɔbɛtumi agye no nkwa? 27Na Yesu hwɛɛ wɔn kaa sɛ: Nnipa fam na ɛntumi nyɛ hɔ, na ɛnyɛ Nyankopɔn fam; ɛfiri sɛ Nyankopɔn fam deɛ nnoɔma nyinaa bɛtumi ayɛ hɔ.
28Na Petro fitii aseɛ see no sɛ: Hwɛ, yɛagya nnoɔma nyinaa hɔ abɛdi w’akyi. 29Na Yesu kaa sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ obiara nni hɔ a wagya efie anaa nua mmarimanom, anaa nua mmaanom, anaa ɛna, anaa agya, anaa mma, anaa nsase, me ne asɛmpa no nti, 30na ɔrennya afie, ne nuammarimanom, ne nuammaanom, ne ɛnanom, ne mma ne nsase mmɔho ɔha a ɔtaa ka ho, seesei wɔ ɛberɛ yi mu ne daa nkwa, wiase a ɛreba no mu. 31Na adikanfoɔ pii bɛka akyire, na akyikafoɔ abɛdi kan.
Yesu wuo ne ne wusɔreɛ ho nkɔmhyɛ a ɛtɔ so mmiɛnsa
(Mateo 20.17-19; Luka 18.31-34)
32 #
Mar 9.31
Na wɔnam ɔkwan so rekɔ Yerusalem; na Yesu di wɔn anim, na ɛyɛɛ wɔn ahodwiri, na na wɔn a wɔdi n’akyiri no suro. Na ɔfaa dummienu no bio fitii aseɛ kaa nnoɔma a ɛbɛba ne soɔ kyerɛɛ wɔn sɛ: 33Hwɛ, yɛrekɔ Yerusalem, na wɔbɛyi Onipa Ba no ahyɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ nsa, na wɔabua no kumfɔ, na wɔayi no ama wiase amanaman mufoɔ, 34na wɔagoro ne ho na wɔatete ntasuo agu ne so, na wɔaka no mpire, na wɔakum no; na ne nnansa soɔ no, wasɔre bio.
Nyankopɔn ahennie mu dibea
(Mateo 20.20-28)
35Na Sebedeo mma Yakobo ne Yohane baa ne nkyɛn bɛsee no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛpɛ sɛ biribiara a yɛbɛsrɛ woɔ no, woyɛ ma yɛn. 36Na ɔbisaa wɔn sɛ: Ɛdeɛn na mopɛ sɛ meyɛ mema mo? 37Na wɔsee no sɛ: Deɛ yɛ ma yɛn ne sɛ: Ma yɛn mu baako ntena wo nifa, na ɔbaako ntena wo benkum, w’animuonyam mu. 38#Mar 14.36; Luka 12.50 Na Yesu see wɔn sɛ: Monnim deɛ morebisa. Mobɛtumi anom kuruwa a menom ano, anaasɛ mobɛma wɔde asubɔ a wɔde bɔ me no abɔ mo anaa? 39#Aso 12.2; Adi 1.9 Na wɔbua see no sɛ: Yɛbɛtumi. Na Yesu see wɔn sɛ: Kuruwa a menom no deɛ mobɛnom, na asubɔ a wɔde bɔ me no, wɔde bɛbɔ mo; 40na me nifa ne me benkum tena deɛ, ɛnyɛ me dea sɛdeɛ mede bɛma, na wɔde bɛma wɔn a wɔasiesie ama wɔn.
41Na edu no teeɛ no, Yakobo ne Yohane asɛm no anyɛ wɔn abodwo. 42#Luka 22.25-27 Na Yesu frɛɛ wɔn bae, na ɔsee wɔn sɛ: Monim sɛ wɔn a wɔbu wɔn sɛ wɔdi wiase amanaman soɔ no di wɔn so sɛ awuranom, na wɔn mu akɛseɛ no di wɔn so tumi. 43#Mar 9.35 Nanso ɛnte saa mo mu; na obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ mo mu kɛseɛ no, ɔbɛyɛ somfoɔ, 44na obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɛdi mo kan no, ɔbɛyɛ mo nyinaa akoa. 45Na Onipa Ba no nso amma sɛ wɔnsom no, na ɔbɛsomee, na ɔde ne kra ayɛ agyedeɛ ama nnipa pii.
Onifirani Bartimeo adehunu
(Mateo 20.29-34; Luka 18.35-43)
46Wɔduruu Yeriko. Na ɔne n’asuafoɔ no ne nkurɔfokuo bebree refiri Yeriko akorɔ no, na Timeo ba Bartimeo, onifirani no, te kwankyɛn resrɛsrɛ adeɛ. 47Na ɔtee sɛ ɛyɛ Yesu Nasareni no, ɔfitii aseɛ teaa mu sɛ: Dawid ba Yesu, hu me mmɔbɔ! 48Na nnipa pii kaa n’anim sɛ ɔmmua n’ano; nanso ɔno deɛ, ɔkɔɔ so teateaa mu denden sɛ: Dawid ba, hu me mmɔbɔ! 49Na Yesu gyina kaa sɛ: Momfrɛ no! Na wɔfrɛɛ onifirani no see no sɛ: Ma wo bo ntɔ wo yam, sɔre, ɔrefrɛ wo! 50Na ɔtoo ne ntoma gui sɔre baa Yesu nkyɛn. 51Yesu bisaa no sɛ: Ɛdeɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma woɔ? Na onifirani no see no sɛ: Rabuni, mepɛ sɛ mehunu adeɛ! 52Na Yesu see no sɛ: Kɔ, wo gyidie agye wo! Na ntɛm ara ɔhunuu adeɛ, na ɔdii n’akyi ɔkwan no so.
ទើបបានជ្រើសរើសហើយ៖
Marko 10: ASW
គំនូសចំណាំ
ចែករំលែក
ចម្លង

ចង់ឱ្យគំនូសពណ៌ដែលបានរក្សាទុករបស់អ្នក មាននៅលើគ្រប់ឧបករណ៍ទាំងអស់មែនទេ? ចុះឈ្មោះប្រើ ឬចុះឈ្មោះចូល
The Bible Society of Ghana, 2012