1
Marko 14:36
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Na ɔkaa sɛ: Aba, Agya! Wotumi nnoɔma nyinaa yɛ; yi kuruwa yi firi me so kɔ! Nanso ɛnyɛ deɛ mepɛ, na deɛ wopɛ.
ប្រៀបធៀប
រុករក Marko 14:36
2
Marko 14:38
Monwɛn, na mommɔ mpaeɛ, na moankɔ sɔhwɛ mu. Honhom no pɛ deɛ, nanso honam no yɛ mmerɛ.
រុករក Marko 14:38
3
Marko 14:9
Nokorɛ mese mo sɛ, wiase baabiara a wɔbɛka asɛmpa yi no, deɛ ɔbaa yi ayɛ yi nso wɔbɛka de ayɛ no nkaeɛ.
រុករក Marko 14:9
4
Marko 14:34
Na ɔsee wɔn sɛ: Awerɛhoɔ ahyɛ me kra so de kɔ owuo mu; montena ha, na monwɛn!
រុករក Marko 14:34
5
Marko 14:22
Na wɔredidie no, Yesu faa paanoo hyiraa so bubui, na ɔde maa wɔn kaa sɛ: Monnye. Yei ne me honam!
រុករក Marko 14:22
6
Marko 14:23-24
Na ɔfaa kuruwa no daa ase de maa wɔn, na wɔn nyinaa nomm bi. Na ɔsee wɔn sɛ: Yei ne me mogya a ɛyɛ apam foforɔ no mogya a nnipa bebree nti wɔrehwie aguo.
រុករក Marko 14:23-24
7
Marko 14:27
Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Mo nyinaa ɛbɛyɛ mo suntidua; ɛfiri sɛ, wɔatwerɛ sɛ: Mɛbɔ odwanhwɛfoɔ no, na nnwan no abɔ apete.
រុករក Marko 14:27
8
Marko 14:42
Monsɔre mma yɛnkɔ; hwɛ deɛ ɔreyi me ama no abɛn!
រុករក Marko 14:42
9
Marko 14:30
Na Yesu see no sɛ: Nokorɛ mese wo sɛ, ɛnnɛ anadwo yi, akokɔ remmɔn mprenu, na woapa me mprɛnsa.
រុករក Marko 14:30
គេហ៍
ព្រះគម្ពីរ
គម្រោងអាន
វីដេអូ