1
Marko 13:13
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Na me din nti, nnipa nyinaa bɛtane mo. Na deɛ ɔbɛgyina mu akɔduru awieeɛ no, ɔno na wɔbɛgye no nkwa.
ប្រៀបធៀប
រុករក Marko 13:13
2
Marko 13:33
Monhwɛ yie, monwɛn, na mommɔ mpaeɛ! Na monnim ɛda ko a ɛberɛ no bɛduro.
រុករក Marko 13:33
3
Marko 13:11
Na sɛ wɔde mo rekɔ akɔyi mo ama a, monnnwennwene deɛ mobɛka ho ansa; na deɛ wɔde bɛma mo ɛdɔn no ara mu no, ɛno na monka, ɛfiri sɛ, ɛnyɛ mo na mokasa, na ɛyɛ Honhom Kronkron no ara.
រុករក Marko 13:11
4
Marko 13:31
Ɔsoro ne asase bɛtwam, na me nsɛm deɛ ɛrentwam da.
រុករក Marko 13:31
5
Marko 13:32
Na ɛda no ne dɔn no deɛ, obi nnim, abɔfoɔ a wɔwɔ soro nso nnim, Ɔba no nso nnim, gye Agya no nko.
រុករក Marko 13:32
6
Marko 13:7
Na sɛ mote ɔko ne akosɛm a, mommma mo akoma nntutu. Na ɛtwa sɛ ɛba, nanso na awieeɛ no nnya nnuruiɛ.
រុករក Marko 13:7
7
Marko 13:35-37
Enti monwɛn! Na monnim da ko a efiewura no bɛba, anadwofa anaa ɔdasuo mu anaa akokɔbɔneeɛ anaa anɔpa, na wammɛfiri mo mpofirim ammɛhu mo sɛ moadeda. Na deɛ mese mo yi, meka mekyerɛ nnipa nyinaa sɛ: Monwɛn!
រុករក Marko 13:35-37
8
Marko 13:8
Na ɔman bɛsɔre ɔman so na ahennie asɔre ahennie so, na asasewosoɔ bɛba mmeammea, na ɛkɔm bɛba. Yeinom ne awoɔko yea mfitiaseɛ.
រុករក Marko 13:8
9
Marko 13:10
Na ɛtwa sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ amanaman nyinaa kane!
រុករក Marko 13:10
10
Marko 13:6
Nnipa bebree bɛba me din mu abɛka sɛ: Mene no, na wɔabɛdaadaa nnipa pii.
រុករក Marko 13:6
11
Marko 13:9
Na mo deɛ, monhwɛ mo ho yie! Na wɔbɛyi mo ama mpanimfoɔ badwa, na wɔahwe mo hyia adan mu, na me nti wɔde mo bɛgyina amradofoɔ ne ahemfo anim na moadi adanseɛ akyerɛ wɔn.
រុករក Marko 13:9
12
Marko 13:22
Na Kristo atorofoɔ ne adiyifoɔ atorofoɔ bɛsɔre, na wɔabɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ, na sɛ ɛbɛtumi a, wɔbɛdaadaa wɔn a wɔayi wɔn no mpo.
រុករក Marko 13:22
13
Marko 13:24-25
Na nna no mu ahohiahia no akyiri no, owia bɛduru sum, na ɔsrane renhyerɛn, na ɔsoro nsoromma bɛtutu ahwe fam, na ɔsoro ahoɔden awoso.
រុករក Marko 13:24-25
គេហ៍
ព្រះគម្ពីរ
គម្រោងអាន
វីដេអូ