YouVersion Logo
Search Icon

Filipifo 4

4
Euodia ne Sintike
1 # 2 Ko 1.14; 1 Te 2.19-20 Enti, me nuanom a medɔ mo na mefe mo, m’anigye ne m’abotiri, munnyina Awurade mu sa, adɔfo. 2Mitu Euodia fo, na mitu Sintike nso fo sɛ wonnya adwenkoro Awurade mu. 3#Luka 10.20 Na mesrɛ wo nso, me yɔnko kɔnnuasuafo nokwafo, so saa mmea yi mu abia, efisɛ wɔn na wɔkaa me ho peree asɛmpa no, wɔne Klement nso ne me yɔnko adwumayɛfo a aka a wɔn din hyehyɛ nkwa nhoma mu no.
Anigye, ahopakyi, odwo ne mpaebɔ
4 # Flp 3.1; 2 Ko 13.11 Momma mo ani nnye Awurade mu daa! Meka no bio sɛ: Momma mo ani nnye! 5Momma nnipa nyinaa nhu mo abodwokyɛre! Awurade abɛn. 6#Mat 6.25-34; 1 Pe 5.7; Nnw 145.18 Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom; 7#Yoh 14.27; Kol 3.15 na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra ntease nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.
Adwempa ne asetena pa
8 # Rom 12.17 Afei nea edi akyiri no, anuanom, nea ɛyɛ nokware, nea anim yɛ duru, nea ɛteɛ, nea ɛho tew, nea ɛyɛ ahomeka, nea ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayeyi bi wɔ hɔ a, saa nneɛma yi ho na munnwen; 9#1 Te 5.23 nea moasua nso na moagye na moate na moahu wɔ me ho no, ɛno ara na monyɛ! Na asomdwoe Nyankopɔn ne mo bɛtena.
Aseda
10Nso m’ani gye kɛse wɔ Awurade mu, sɛ moafi ase redwen me ho bio; modwen me ho de, nanso moannya ho kwan. 11#1 Tim 6.6 Ɛnyɛ sɛ ohia nti na meka eyi; efisɛ me de, masua sɛ asetena biara a mewɔ mu no, mepene ma ɛdɔɔso ma me.
12 # 2 Ko 6.10 Minim ahokyere, na minim ahonya nso. Biribiara ne nneɛma nyinaa akokwaw me, ɔmee ne ɔkɔm ne akonkɔnsɛm ne hiadi; 13#2 Ko 12.10 mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.
14Nanso moyɛɛ no yiye sɛ moboaa me m’ahohia no mu. 15#2 Ko 11.9 Na mo Filipifo nso munim sɛ asɛmpa no mfiase mu a mifii Makedonia mekɔe no, asafo biara ammoa me, ɔma ne ogye akontaabu ho, sɛ mo nko ara. 16Na Tesalonika nso mosomae prɛko ne ne mprenu so de nea ehia me brɛɛ me. 17#1 Ko 9.11 Ɛnyɛ sɛ mehwehwɛ akyɛde, na mmom mehwehwɛ aba a ɛma mo akontaa dɔɔso. 18#Flp 2.25 Na manya ade nyinaa ama aboro so. Na efii sɛ me nsa kaa nea mode menaa Epafrodito no, mayɛ ma, ɛyɛ ohua a ɛyɛ dɛ, ɛyɛ afɔrebɔ a wogye a ɛsɔ Onyankopɔn ani. 19Na me Nyankopɔn bɛma mo nea ehia mo nyinaa, sɛnea n’ahonya no te, anuonyam mu, Kristo Yesu mu. 20Yɛn agya Onyankopɔn na wɔmfa anuonyam mma no daa daa. Amen.
Nkradi
21Munkyiakyia ahotefo no nyinaa mmiako mmiako Kristo Yesu mu. Anuanom a wɔka me ho no kyiakyia mo. 22Ahotefo no nyinaa kyiakyia mo, ne titiriw no wɔn a wofi Kaesare fi. 23Awurade Yesu Kristo adom nka mo honhom.

Currently Selected:

Filipifo 4: RATB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in