1
Filipifo 4:6
KYERƐW KRONKRON
RATB
Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom
Compare
Explore Filipifo 4:6
2
Filipifo 4:7
na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra ntease nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.
Explore Filipifo 4:7
3
Filipifo 4:8
Afei nea edi akyiri no, anuanom, nea ɛyɛ nokware, nea anim yɛ duru, nea ɛteɛ, nea ɛho tew, nea ɛyɛ ahomeka, nea ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayeyi bi wɔ hɔ a, saa nneɛma yi ho na munnwen
Explore Filipifo 4:8
4
Filipifo 4:13
mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.
Explore Filipifo 4:13
5
Filipifo 4:4
Momma mo ani nnye Awurade mu daa! Meka no bio sɛ: Momma mo ani nnye!
Explore Filipifo 4:4
6
Filipifo 4:19
Na me Nyankopɔn bɛma mo nea ehia mo nyinaa, sɛnea n’ahonya no te, anuonyam mu, Kristo Yesu mu.
Explore Filipifo 4:19
7
Filipifo 4:9
nea moasua nso na moagye na moate na moahu wɔ me ho no, ɛno ara na monyɛ! Na asomdwoe Nyankopɔn ne mo bɛtena.
Explore Filipifo 4:9
8
Filipifo 4:5
Momma nnipa nyinaa nhu mo abodwokyɛre! Awurade abɛn.
Explore Filipifo 4:5
9
Filipifo 4:12
Minim ahokyere, na minim ahonya nso. Biribiara ne nneɛma nyinaa akokwaw me, ɔmee ne ɔkɔm ne akonkɔnsɛm ne hiadi
Explore Filipifo 4:12
10
Filipifo 4:11
Ɛnyɛ sɛ ohia nti na meka eyi; efisɛ me de, masua sɛ asetena biara a mewɔ mu no, mepene ma ɛdɔɔso ma me.
Explore Filipifo 4:11
Home
Bible
Plans
Videos