Kolosefo NHYƐNMU
NHYƐNMU
Paulo nhoma a ɔkyerɛw kɔmaa asafo a ɛwɔ Kolose a ɛwɔ Asia kumaa a ɛwɔ Efeso apuei fam. Asafo yi nka asafo ahorow a Paulo ankasa buei no ho, nanso Paulo hui sɛ, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ so, enti na ɔsomaa adwumayɛfo fi Efeso a ɛyɛ kuropɔn wɔ Roma mantam mu wɔ Asia ma wɔkɔɔ hɔ. Na Paulo ahu sɛ, atoro akyerɛkyerɛfo bi wɔ Kolose asafo no mu a wɔka no dennen sɛ ɛsɛ sɛ wɔsom “honhom mu atumfo ne mpanyinni bi” ansa na obi atumi ahu Onyankopɔn na wɔanya nkwagye. Saa akyerɛkyerɛfo yi ka kaa ho sɛ, ɛsɛ sɛ wɔyɛ amanne bi te sɛ twetiatwa na wodi nhyehyɛe bi a ɛwɔ hɔ wɔ nnuan ne nea ɛkeka ho no nyinaa so.
Paulo de nokware Kristosom mu kyerɛkyerɛ na ɛko tiaa saa nkyerɛkyerɛ bɔne yi. Asɛm titiriw a ɛwɔ ne mmuae no mu ne sɛ: Yesu Kristo tumi ma nkwa a ebi nka, na mmom gyidi ne nneɛma a Onyankopɔn nam Kristo so bɔɔ wiase na ɔnam so de bɛsan aba ne nkyɛn. Nnipa anidaso wɔ nkwagye mu ara ne sɛ: wɔne Kristo benya nkabom. Na afei Paulo kyerɛkyerɛɛ nea saa nkyerɛkyerɛ kɛse yi wɔ ka fa Kristofo abrabɔ ho. Ɛsɛ sɛ yehyɛ no nso sɛ; Tikiko a Paulo de nhoma yi somaa no kɔɔ Kolose no, na Onesimo ka ho. Onesimo ne akoa a Paulo kyerɛw ne ho nhoma kɔmaa Filemon no.
EMU NSƐM
Mfiase no nkyerɛkyerɛmu 1.1-8
Kristo suban ne n’adwuma 1.9—2.19
Nkwa foforo a ɛwɔ Kristo mu 2.20—4.6
Nhoma no awiei 4.7-18
Currently Selected:
Kolosefo NHYƐNMU: RATB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.