Filemon 1
1
Nkyia
1 #
Efe 3.1
Paulo, Kristo Yesu deduani, ne onua Timoteo de kɔma Filemon, yɛn dɔfo ne yɛn yɔnko dwumayɛni, 2#Kol 4.17 ne onuabea Apia, ne Arkipo, yɛn yɔnko sraani, ne asafo a ɛwɔ wo fi: 3Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.
Aseda
4Da biara a mekae wo wɔ mpaebɔ mu no, meda me Nyankopɔn ase, 5efisɛ mete wo dɔ a wowɔ ma ahotefo nyinaa ne wo gyidi a wowɔ no Awurade Yesu mu no nka. 6Na mebɔ mpae sɛ nnepa a ɛnam Kristo so wɔ wo mu ho nimdeɛ bɛma wo gyidi adɔe nnwuma no ada adi kɛse. 7Me nua, mewɔ wo dɔ ho anigye ne awerɛkyekye bebree, sɛ woama ahotefo no akoma atɔ wɔn yam.
Onesimo
8Ɛno nti, ɛwom sɛ anka mewɔ akokoduru kɛse wɔ Kristo mu sɛ mehyɛ wo sɛ yɛ ade a ɛfata yi, 9nanso ɔdɔ nti mesrɛ wo mmom, me, akora Paulo a seisei meyɛ Kristo Yesu deduani nso. 10#Kol 4.9 Mesrɛ wo mema me ba a mewoo no wɔ nkyehama mu, Onesimo 11(a kan no, ne ho nni mfaso mma wo, na afei oye ma wo ne me). 12Ɔno ara na masoma no wo nkyɛn bio; onipa a ɔte sɛ me ara m'akoma. 13Anka mepɛe sɛ mesan no ma ɔtena me nkyɛn, na wasi w’ananmu asom me, wɔ asɛmpa nkyehama no mu, 14nanso mampɛ sɛ mifi w’akyi meyɛ biribiara, na wo yiyeyɛ anyɛ sɛ efi ɔhyɛ mu, na mmom afi ɔpɛ mu. 15Na ebia eyi nti na ɔne wo tetew mu kakra, sɛ wubenya no daa, 16ɛnyɛ sɛ akoa bio, na mmom nea ɔsen akoa, sɛ onua dɔfo a oye ma me titiriw, na menne sɛ wo, ɔhonam ne Awurade fam. 17Enti sɛ wubu me sɛ ɔyɔnko de a, gye no sɛ me ara. 18Na sɛ wayɛ wo bɔne bi, sɛ nso ɔde wo ka bi a, bu brɛ me. 19Me Paulo na mede m’ankasa nsa mekyerɛw sɛ: Metua ka biara a ɔde wo, anka mempɛ sɛ, mekae wo mpo sɛ wo ara ankasa wode me ka. 20Yiw, onua, ma minnya wo ho biribi a eye, Awurade mu, na me koma ntɔ me yam wɔ Kristo mu. 21Mewɔ awerɛhyɛm wɔ wo setie ho nti na mekyerɛw wo nhoma yi, na minim sɛ wobɛyɛ asen nea maka yi mpo. 22Nanso siesie ahɔhotenabea ma me, na m’ani da so sɛ ɛnam mo mpaebɔ so, wɔde me bɛsan abrɛ mo.
Nkradi
23 #
Kol 1.7; 4.12 Epafra, me yɔnko deduani wɔ Kristo Yesu mu, 24#Aso 12.12, 25; 13.13; 15.37-39; 19.29; 27.2; Kol 4.10, 14; 2 Tim 4.10, 11 Marko, Aristarko, Dema ne Luka, me yɔnkonom adwumayɛfo, kyiakyia wo.
25Awurade Yesu Kristo adom nka mo honhom.
Currently Selected:
Filemon 1: RATB
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.