Hebrifo NHYƐNMU
NHYƐNMU
Nhoma a wɔde kɔmaa Hebrifo no yɛ nea wɔkyerɛw kɔmaa Kristofo nnipakuw bi a na wɔgu so retaa wɔn. Nea na ɛyɛ hu ne sɛ, na wɔreyɛ apa abaw wɔ kristosom gyidi no mu. Ɔkyerɛwfo no hyɛ wɔn nkuran, nea edi kan, wɔ wɔn gyidi a ɛkyerɛ sɛ Yesu Kristo ne Onyankopɔn nokware adiyi a etwa to no. Ɔreyɛ eyi no, osii nokwasɛm ahorow abiɛsa so dua: Nea edi kan, Yesu yɛ Nyankopɔn ba no a ɔnam amanehunu mu suae sɛ ɔbɛyɛ osetie ama Agya no nokware mu. Sɛ ɔyɛ Onyankopɔn ba no nti, ɔyɛ kɛse sen Apam Dedaw mu adiyifo, abɔfo, ne Mose nso. Nea ɛto so abien ne sɛ, Onyankopɔn ayi Yesu akyerɛ sɛ ɔnyɛ daa sɔfo a ɔkyɛn Apam Dedaw mu asɔfo no. Nea ɛto so abiɛsa ne sɛ, gyidini nam Yesu so nya ogye fi bɔne, ehu ne owu mu. Na sɛ Yesu yɛ Ɔsɔfo Panyin nti, otumi ma nokware nkwagye a ne nsunsuanso wɔ Hebrifo som amaane mu bi a ɛte sɛ mmoa afɔrebɔ.
Ɔnam mfatoho a ɔyɛ faa nnipa bi a wogyee din wɔ Israel abakɔsɛm mu (Ti 11) srɛ n’akenkanfo sɛnea wɔbɛkɔ so ara atena ase nokwaredi mu. Ti 12 mu no, ɔsrɛ wɔn sɛ wɔnkɔ so ntena ase nokwaredi mu nkɔsi awiei na wɔnhwɛ Yesu. Afei nso, wɔmmia wɔn ani nhu amane wɔ ɔtaa biara a ɛbɛba wɔn so no mu. Nea ɔde wie nhoma yi ne afotusɛm bi ne kɔkɔbɔ.
EMU NSƐM
Ahyɛase nkyerɛkyerɛmu: Kristo ne Onyankopɔn adiyi a edi awiei 1.1-3
Kristo yɛ kɛse sen abɔfo 1.4—2.18
Kristo yɛ kɛse sen Mose ne Yosua 3.1—4.13
Kristo kɛseyɛ wɔ ne sɔfodi mu 4.14—7.28
Kristo kɛseyɛ wɔ n’apam mu 8.1—9.22
Kristo kɛseyɛ wɔ n’afɔrebɔ mu 9.23—10.39
Gyidi ne ade a edi kan 11.1—12.29
Onyankopɔn anisɔ 13.1-19
Mpaebɔ a edi awiei 13.20-21
Nsɛm a edi awiei 13.22-25
Currently Selected:
Hebrifo NHYƐNMU: RATB
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.