Filemon NHYƐNMU
NHYƐNMU
Filemon yɛ Kristoni a na ɔwɔ din pa ara. Ɔno na na ɔyɛ akoa bi a wɔfrɛ no Onesimo wura, na ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ Kolose asafo no mu nipa. Ɛbae sɛ na akoa yi aguan afi ne wura nkyɛn, na kwan bi so no, ɔne Paulo a saa bere no na ɔda afiase no kɔhyiae. Ɛnam Paulo so maa Onesimo bɛyɛɛ Kristoni. Nhoma a Paulo kyerɛw kɔmaa Filemon no yɛ adesrɛ a ɔde pɛɛ ɔne n’akoa a ɔresoma no ne nkyɛn saa bere no nkabom. Ɔhwehwɛɛ sɛ, Filemon nnnye no nnto mu sɛ akoa a wɔde ne bɔne akyɛ no nko ara, na mmom sɛ onua Kristoni.
EMU NSƐM
Mfitiase no nkyerɛkyerɛmu 1-3
Filemon ayeyi 4-7
Paulo srɛ ma Onesimo 8-22
Awiei 23-25
Currently Selected:
Filemon NHYƐNMU: RATB
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.