Hebrifo 5
5
1Na ɔsɔfo panyin biara, woyi no fi nnipa mu hyɛ no sɔfo ma nnipa, Onyankopɔn fam nneɛma ho, na bɔne nti ɔde ayɛyɛde ne afɔre ama, 2#Heb 4.15 sɛ obi a obetumi ahu ama wɔn a wonnim na wɔfom so no, esiane sɛ mmerɛwyɛ atwa ɔno nso ho ahyia. 3#Lew 9.7; 16.6 Na ɛno nti, ɛsɛ sɛ ɔbɔ bɔne ho afɔre ma ne ho, sɛnea ɔbɔ ma ɔman no.
4 #
Eks 28.1
Na obi mfa saa nidi no mma ne ho, gye sɛ nea Onyankopɔn afrɛ no te sɛ Aaron no. 5#Nnw 2.7 Saa ara nso na Kristo anhyɛ ne ho anuonyam sɛ ɔbɛyɛ ɔsɔfo panyin, na mmom nea ɔka kyerɛɛ no sɛ:
Me ba ne wo,
me na mawo wo nnɛ!
6 #
Nnw 110.4; Heb 7 Sɛnea ɔkae baabi nso sɛ:
Woyɛ daa sɔfo panyin,
Melkisedek akwan so.
7 #
Mat 26.39-46
Ɔno na ne honam nna no mu ɔde mpaebɔ ne nkotɔsrɛ brɛɛ nea obetumi agye no afi owu mu wɔ nteɛm a emu yɛ den ne nusu mu, na ahobrɛase suro nti wotiee no. 8#Flp 2.8 Ɔyɛ ɔba de, nanso osuaa amane a ohui no mu osetie, 9#Yoh 17.1; 17.5 na onya dii mu no, ɔyɛɛ wɔn a wotie no nyinaa daa nkwagye farebae, 10a Onyankopɔn bɔ ne din frɛ no sɔfo panyin Melkisedek kwan so.
Akyirisan ho kɔkɔbɔ
11Ɛno ho na yɛwɔ asɛm a ɛdɔɔso a asekyerɛ yɛ den, nanso ka mo aso asisiw. 12#1 Ko 3.1-3 Na ɛbere a anka ɛsɛ sɛ moyɛ akyerɛkyerɛfo no, ehia mo bio sɛ wɔkyerɛkyerɛ mo Onyankopɔn nsɛm mu mfitiasesɛm, na moayɛ wɔn a ehia wɔn nufusu, na ɛnyɛ aduan a ɛyɛ den. 13#Efe 4.14 Na obiara a onum nufu no nhuu trenee asɛm no mu, na ɔyɛ akokoaa. 14#Flp 1.10; Rom 16.19 Na aduan a ɛyɛ den no fata wɔn a wɔanyin #5.14 Wɔanyin: Ɛyɛ honhom fam nyin na wɔka ho asɛm wɔ ha. a ɛnam daa daa adeyɛ nti wɔn adwene tumi hu papa ne bɔne mu.
Currently Selected:
Hebrifo 5: RATB
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.