1
Hebrifo 5:14
KYERƐW KRONKRON
RATB
Na aduan a ɛyɛ den no fata wɔn a wɔanyin a ɛnam daa daa adeyɛ nti wɔn adwene tumi hu papa ne bɔne mu.
Compare
Explore Hebrifo 5:14
2
Hebrifo 5:12-13
Na ɛbere a anka ɛsɛ sɛ moyɛ akyerɛkyerɛfo no, ehia mo bio sɛ wɔkyerɛkyerɛ mo Onyankopɔn nsɛm mu mfitiasesɛm, na moayɛ wɔn a ehia wɔn nufusu, na ɛnyɛ aduan a ɛyɛ den. Na obiara a onum nufu no nhuu trenee asɛm no mu, na ɔyɛ akokoaa.
Explore Hebrifo 5:12-13
3
Hebrifo 5:8-9
Ɔyɛ ɔba de, nanso osuaa amane a ohui no mu osetie, na onya dii mu no, ɔyɛɛ wɔn a wotie no nyinaa daa nkwagye farebae
Explore Hebrifo 5:8-9
4
Hebrifo 5:7
Ɔno na ne honam nna no mu ɔde mpaebɔ ne nkotɔsrɛ brɛɛ nea obetumi agye no afi owu mu wɔ nteɛm a emu yɛ den ne nusu mu, na ahobrɛase suro nti wotiee no.
Explore Hebrifo 5:7
Home
Bible
Plans
Videos