Hebrifo 6
6
1Enti momma yɛmfa mfitiase nkyerɛkyerɛ a ɛfa Kristo ho no nto nkyɛn, na yɛmpere nkɔ nea ɛyɛ pɛ no mu, na yɛamfa nnwuma funu mu adwensakra ne Onyankopɔn ho gyidi, 2ne asubɔ horow ho nkyerɛnkyerɛ ne nsaguso ne awufo sɔre ne daa atemmu anto fapem bio. 3Eyi na sɛ Onyankopɔn ma ho kwan a, yɛbɛyɛ.
4 #
Heb 10.26-27; Mat 12.31; 1 Yoh 5.16 Na entumi mma sɛ, wɔn a wɔanya hann pɛn, na wɔaka ɔsoro akyɛde no ahwɛ, na wɔanya Honhom Kronkron no bi, 5na wɔaka Onyankopɔn asɛm a eye ne wiase a ɛrebɛba no ahoɔden horow ahwɛ, 6na wɔafi ho ahwe ase no, wɔbɛdan wɔn foforo akɔ adwensakra mu, wɔn a wɔsɛn Onyankopɔn Ba no bio ma wɔn ho na wɔde no kɔ animguase mu. 7Na asase a ɛnom osu a ɛtaa tɔ gu so, na efifi aduan a eye ma wɔn a wɔn nti wɔdɔw no, nya Onyankopɔn hɔ nhyira no bi. 8Na nea efifi nsɔe ne ohwirem no, ɛmfra, na ɛbɛn nnuabɔ a n’awiei ne ɔhyew.
9Na sɛ yɛka saa nso a, adɔfo, mo fam de, yɛn ani da nea eye sen saa a ɛbata nkwagye ho so. 10#Heb 10.32-34 Efisɛ Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ, a ne werɛ befi mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔe ne din ho, sɛ mosom ahotefo na moda so som wɔn. 11#Heb 3.14; Flp 1.6 Na yeyi yɛn yam pɛ sɛ mo nyinaa mmiako mmiako yi saa mmɔdemmɔ yi adi kyerɛ wɔ anidaso a akyinnye nni mu koraa mu de kodu awiei, 12na moanyɛ nyaa, na mmom moayɛ wɔn a wɔnam gyidi ne abodwokyɛre so nyaa bɔhyɛ no asuafo.
Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛyɛ nokware
13 #
Gye 22.16-17
Na Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ no, onni nea ɔso sen no a ɔbɛka ne ntam nti, ɔkaa n’ankasa ho ntam 14sɛ: Ampa ara, nhyira na mehyira wo, na ɔdɔ na mɛma woadɔ. 15Na ɔtɔɔ ne bo ase twɛnee saa no, ne nsa kaa bɔhyɛ no. 16#Eks 22.11 Efisɛ nnipa ka nea ɔso sen wɔn ntam, na ntuatuaano nyinaa to twa ne ntanka a wɔde hyɛ asɛm mu den. 17Ɛno nti na Onyankopɔn pɛ sɛ oyi n’atirimsɛm a ɛnsakra kyerɛ bɔhyɛ no adedifo pefee no, ɔde ntam gyinaa mu, 18na yɛafa ade abien a ɛnsakra a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ntumi nni atoro wɔ biribiara mu no so anya awerɛhyɛm a emu yɛ den, yɛn a yɛaguan repɛ hintabea no bɛsɔ anidaso a ɛda yɛn anim no mu. 19Ɛno na yɛwɔ sɛ ɔkra sɛkyɛ a ɛntew na etim hɔ a ɛhyɛn mu de kosi ntwamutam no mu, 20#Heb 5.6; 7.11, 17 nea odikanfo bi hyɛn hɔ maa yɛn no, ɔno ne Yesu a wayɛ Melkisedek kwan so daa sɔfo panyin.
Currently Selected:
Hebrifo 6: RATB
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.