Hebrifo 11
11
Gyidi su
1 #
2 Ko 5.7
Na afei gyidi ne ade a yɛn ani da so ho ahotoso ne nneɛma a yenhu ho adansegye. 2Na eyi mu na tetefo no nyaa adanse pa. 3#Gye 1 Gyidi na yɛde te ase sɛ wiase ahorow, wɔde Onyankopɔn asɛm na asiesie, enti nea ani tuae fi nneɛma a ɛnna adi mu na ɛbae.
Habel
4 #
Gye 4.4; Mat 23.35 Gyidi na Habel de bɔɔ afɔre a ɛso kyɛn Kain de maa Onyankopɔn. Ɛno so na ɔnam nyaa adanse sɛ ɔteɛ, efisɛ Onyankopɔn dii n’ayɛyɛde ho adanse, na ɛno so na ɔnam wui a ɔda so kasa.
Henok
5 #
Gye 5.24
Gyidi nti na wɔfaa Henok kɔe na wanhu owu; na wɔanhu no, efisɛ Onyankopɔn bɛfaa no kɔ ntia; na ansa na wɔbɛfa no akɔ no, onyaa adanse sɛ ɔsɔ Onyankopɔn ani. 6Na sɛ gyidi nnim a, obi ntumi nsɔ ani. Na ɛsɛ nea ɔba Onyankopɔn nkyɛn no sɛ, ogye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo.
Noa
7 #
Gye 6.8-9; 6.13-22; Rom 4.20; 3.22; 3.24 Gyidi na nea wonnya nhui ho nsɛm baa Noa nkyɛn no, ɔde daa ne ho so siesiee adaka maa ne fi nkwagye, ɛno so na ɔnam buu wiase fɔ, na ɔyɛɛ gyidi ho trenee ɔdedifo.
Abraham
8 #
Gye 12.1; 12.4 Gyidi na wɔfrɛɛ Abraham no, ɔde osetie fi kɔɔ baabi a daakye obenya hɔ sɛ agyapade, na ofii adi a onnim nea ɔrekɔ. 9#Gye 26.3; 35.12 Gyidi na ɔde kɔyɛɛ ɔhɔho bɔhyɛ asase no so sɛ ananafo de so, na ɔne bɔhyɛ koro no ara adedifo Isak ne Yakob tenaa ntamadan mu. 10Na ɔtwɛn kurow a ɛwɔ fapem a ne kyekyefo ne yɛfo ne Nyankopɔn.
Sara
11 #
Gye 21.2
Gyidi na Sara nso de nyaa ahoɔden nyinsɛnee, ɛbere a watwa ne nyin mu, efisɛ obuu nea ɔhyɛɛ bɔ no nokwafo. 12#Rom 4.19; Gye 22.17 Enti nso na obiako a owui mpo woo nnipa a wɔdɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano anwea a wontumi nkan.
Wɔn nyinaa hwɛɛ ɔsoro
13 #
Gye 23.4; 47.9 Gyidi so na eyinom nyinaa wuwui a na wɔn nsa nkaa bɔhyɛ no, na mmom wohui akyirikyiri nko gye dii, yɛɛ no atuu kae sɛ, wɔyɛ ahɔho ne amamfrafo asase so. 14Na wɔn a wɔka saa no, wɔde kyerɛ sɛ wɔhwehwɛ kurow bi a ɛbɛyɛ wɔn ankasa dea. 15Na sɛ wɔn koma da nea wofi mu bae no so a, anka wɔwɔ akwannya sɛ wɔbɛsan akɔ. 16#Eks 3.6 Na afei wɔrehwehwɛ kurow a eye kyɛn so a ɛne ɔsoro de. Enti ɛnyɛ Onyankopɔn aniwu sɛ wɔbɛfrɛ no wɔn Nyankopɔn, efisɛ wasiesie kurow bi ama wɔn.
Wɔsɔɔ Abraham gyidi hwɛe
17 #
Gye 22
Gyidi nti na wɔsɔɔ Abraham hwɛe no, ɔde Isak kɔbɔɔ afɔre, na nea ogyee bɔhyɛ no, de ne ba koro no kɔmae. 18#Gye 21.12 Ɔno na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Isak mu na wɔbɛfrɛ w’asefo. 19#Rom 4.17 Osusuwii sɛ Onyankopɔn betumi anyan no afi awufo mu po; ɛhɔ nso na onyaa no bio, akasabebu mu.
Isak, Yakob ne Yosef
20 #
Gye 27.28-29; 27.39-40 Gyidi na Isak de hyiraa Yakob ne Esau, nneɛma a ɛbɛba ho. 21#Gye 48.15-16; 47.31 Gyidi na Yakob rebewu no, ɔde hyiraa Yosef mma baanu no, na omiaa ne pomatiri so sɔree. 22#Gye 50.24 Gyidi na Yosef regyaa ne honhom mu no, ɔde bɔɔ Israel mma fi a wobefi akɔ no din, na ɔhyɛɛ ne nnompe ho samansew.
Amram ne Yokebed
23 #
Eks 2.2
Gyidi mu na wɔwoo Mose no, n’awofo de koraa no so asram abiɛsa, efisɛ wohui sɛ abofra no ho yɛ fɛ, na wɔansuro ɔhene mmara no.
Mose
24 #
Eks 2.11-12
Gyidi nti na Mose nyinii no, wampɛ sɛ wɔfrɛ no Farao babea ba, 25na ɔpawee sɛ ɔne Nyankopɔn man behu amane mmom kyɛn sɛ ɔbɛte bɔne mu dɛw nna tiaa bi. 26#Heb 13.13; 10.34-35 Obuu Kristo ahohora sɛ ahonya kɛse sen Misraim ahonyade, efisɛ ɔhwɛɛ akatua no. 27#Eks 2.15; 12.51 Gyidi nti na ogyaw Misraim hɔ a wansuro ɔhene abufuw, na omiaa n’ani tenaa mu sɛnea ohu nea wonhu no no. 28#Eks 12.12-13 Gyidi na ɔde dii Twam ne mogyapete no, na mmakan no sɛefo no anka wɔn.
Israelfo
29 #
Eks 14.22; 14.27 Gyidi na wɔde twaa Ɛpo Kɔkɔɔ no sɛ fam a awo. Ɛno na Misraimfo resɔ ahwɛ no, ɛmenee wɔn. 30#Yos 6.20 Gyidi nti na Yeriko afasu a wotwaa ho hyiae nnansɔn no dwiriwii.
Rahab
31 #
Yos 2.11-12; 6.17; 6.23; Yak 2.25 Gyidi nti na aguaman Rahab a ogyee akwansrafo no asomdwoe so no ansɛe amfra wɔn a wɔannye anni no mu.
Gyidifo a aka no
32 #
Ate 6.11; 4.6; 15.20; 12.7 Na ɛdɛn na menka bio? Na sɛ mereka Gideon, Barak, Samson, Yefta, Dawid ne Samuel ne adiyifo no ho asɛm a, anka adagyew bɛbɔ me. 33#Ate 14.6; 1 Sa 17.34-35; Dan 6.22 Wɔn na wɔnam gyidi so ko dii ahenni ahorow so nkonim, dii asɛntrenee, nyinyaa bɔhyɛ, siw agyata ano, 34#Dan 3.23-25 dum ogya tumi, guan nkrante ano, nyaa ahoɔmmerɛw mu ahoɔden, yɛɛ ɔko mu ahoɔdenfo, kaa ananafo mpasua gui. 35#1 Ah 17.23; 2 Ah 4.36 Mmea nsa kaa wɔn awufo a wɔsɔree; na ebinom nso, wɔde wɔn goruu atɔprɛ, na wɔampɛ ogye, na wɔn nsa aka owusɔre a eye kyɛn so. 36#Yer 20.2; 37.15; 38.6 Na afoforo huu animguasede ne ɔhwe, mpokyerɛ ne duam nna nso. 37#2 Be 34.21 Wosiw wɔn abo, de ɔwan paee wɔn mu, sɔɔ wɔn hwɛe, de nkrante kunkum wɔn. Wokyinii nguanten ne mmirekyi nhoma mu, ehiaa wɔn, wɔn ho guan wɔn, wohuu amane. 38Wɔn a wɔnsɛ wiase, wokyinkyin sare so ne mmepɔw so, abodan ne asase so atu mu. 39Na eyinom nyinaa a wɔnam gyidi so nyaa adanse pa no, wɔn nsa anka bɔhyɛ no, 40efisɛ Onyankopɔn asiesie biribi a eye kyɛn so asie yɛn, na wɔankwati yɛn anyɛ wɔn pɛ.
Currently Selected:
Hebrifo 11: RATB
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.