Hebrifo 10
10
Kristo bɔɔ afɔre prɛko maa nnipa nyinaa
1 #
Heb 8.5; 7.19 Na ɛnam sɛ mmara no kura nnepa a ɛbɛba no nhwɛso na ɛnyɛ nneɛma no suban ankasa nti, entumi mfa afɔre koro no ara a wɔbobɔɔ no afe afe nyɛ wɔn a wɔbɔ no pɛ da; 2na sɛ asɔrefo a wɔatew wɔn ho prɛko nni bɔne ho ahonim bio a, anka wɔannyae afɔrebɔ anaa? 3#Lew 16.21 Na mmom bɔne ho nkae wɔ mu daa afirihyia, 4efisɛ anantwinini ne mmerekyi mogya ntumi nyi bɔne mfi hɔ.
5 #
Nnw 40.6-8
Enti ɔreba wiase no, ɔka sɛ:
Afɔre ne ayɛyɛde, woampɛ,
ɔhonam na woasiesie de ama me.
6Ɔhyew afɔre ne bɔne ho afɔre
ansɔ w’ani.
7Ɛno na mekae sɛ: Hwɛ, mereba,
wɔakyerɛw me ho asɛm wɔ nhoma mmobɔwee no mu
sɛ merebɛyɛ nea wo, Onyankopɔn, wopɛ.
8Kan no, ɔka sɛ: Afɔre ne ayɛyɛde ne ɔhyew afɔre ne bɔne ho afɔre, woampɛ, nanso ansɔ w’ani, (ɛne nea wɔnam mmara so de ma). 9Ɛno na ɔkae sɛ: Hwɛ, maba sɛ merebɛyɛ nea wopɛ; oyi nea edi kan, na ɔde nea ɛto so abien no asi hɔ. 10#Heb 9.12; 9.28 Saa ɔpɛ no mu na wɔnam Yesu Kristo honam a ɔde bɛmae no so atew yɛn ho prɛko.
11 #
Eks 29.38; Heb 10.1 Na ɔsɔfo biara sɔfo gyina hɔ daa resom, na ɔtaa bɔ afɔre koro no ara a entumi nyi bɔne mfi hɔ da. 12#Heb 10.10; 10.14 Na ɔno de, onya bɔɔ bɔne ho afɔre biako no, ɔkɔtenaa Onyankopɔn nifa. 13#Nnw 110.1 Na nea aka ne sɛ ɔtwɛn kodu sɛ wɔde n’atamfo bɛyɛ ne nan ase ntiaso. 14#Heb 10.12 Na ɔde afɔre koro a ɔbɔe no ayɛ wɔn a wɔatew wɔn ho no awie pɛyɛ.
15Na Honhom Kronkron nso di yɛn adanse. Efisɛ ɔkae kan sɛ:
16 #
Yer 31.33; Heb 8.10 Eyi ne apam a nna no akyi
me ne wɔn bɛpam no, Awurade na ose:
Mede me mmara bɛhyɛ wɔn komam,
na makyerɛw wɔ wɔn adwenem,
17 #
Yer 31.34; Heb 8.12 Ɔka toa so sɛ: Na wɔn bɔne ne wɔn mmarato nso merenkae bio.
18Na nea eyinom fakyɛ wɔ no, bɔne ho afɔrebɔ nni hɔ bio.
Onyankopɔn anim kɔ kwan
19 #
Mat 27.51
Enti, anuanom, sɛ yɛwɔ Yesu mogya mu nnam a yɛde bɛkɔ kronkron hɔ, 20#Heb 9.8 esiane ɔkwan a wɔasiesie yɛn, ɔkwan foforo a ɛwɔ nkwa a ɛfa ntwamutam, ɛne sɛ ne honam mu, 21ne sɛ yɛwɔ Onyankopɔn fi so sɔfo kɛse nti, 22#Heb 4.16; Efe 5.26 momma yɛmfa nokware koma wɔ gyidi a akyinnye nnim koraa mu mmɛn sɛ nnipa a wɔapete wɔn koma ho afi ahonim bɔne mu, na wɔde nsu krogyenn aguare wɔn nipadua. 23#Heb 4.14 Momma yenso anidaso asɛm a yegyina so ka no mu pintinn, efisɛ ɔnokwafo ne nea ɔhyɛɛ bɔ no, 24#Heb 13.1 na momma yɛnhwehwɛ yɛn ho ntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu. 25#Heb 3.13; 10.37 Na mommma yennnyae yɛn ho yɛn ho nhyiam, sɛnea ebinom yɛ no, na mmom momma yentutu yɛn ho yɛn ho fo, dodow a muhu sɛ Ɛda no rebɛn no.
Ɔwae yɛ ade a ɛyɛ hu
26 #
Heb 6.4-8
Na sɛ yenya nya nokware no mu nimdeɛ, na akyiri yi yɛboapa kɔyɛ bɔne a, na bɔne ho afɔre biara nni hɔ bio, 27na mmom nea aka ne atemmu akwanhwɛ bi a ɛyɛ hu, ne ogya a ɛrebɛhyew atamfo no pasaa. 28#Num 15.30; Deut 17.6 Sɛ obi po Mose mmara a, ɔkwati mmɔborohunu gyina adansefo baanu anaa baasa anom asɛm so wu. 29#Heb 2.3 Akatua a enye koraa bɛn na mususuw sɛ, ɛsɛ sɛ wɔde betua nea watiatia Onyankopɔn Ba no so, na wabu apam mogya a wɔde atew ne ho no ahuhude, na wasopa adom honhom no? 30#Deut 32.35-36 Na yenim nea ɔkae sɛ: Me na aweredi wɔ me, me na metua ka. Na bio: Awurade bebu ne man atɛn. 31Onyankopɔn a ɔte ase no nsam hwe yɛ hu.
32 #
Heb 6.4
Na monkae sɛ kan nna a munyaa hann no, mumiaa mo ani huu ɔko bebree mu amane. 33#1 Ko 4.9 Ebi ne sɛ monam ahohora ne ahohia so yɛɛ aguasode, ebi nso ne sɛ moyɛɛ wɔn a wɔyɛɛ wɔn saa no mfɛfo. 34#Mat 6.20; 19.21; 19.29 Na momaa nneduafo amane kaa mo, mode anigye nso penee mo nneɛma fow sɛ munim sɛ mowɔ ahode a eye kyɛn so, ɔsoro a ɛtena hɔ no mu.
35Enti monntow mo nnamyɛ a ɛwɔ akatua kɛse no nnkyene. 36#Luka 21.19 Na boasetɔ hia mo, na, sɛ muwie nea Onyankopɔn pɛ no yɛ a, mo nsa aka bɔhyɛ no.
37 #
Hab 2.3
Na aka kakraa bi
na nea ɔbɛba no aba, na ɔrenkyɛ.
38 #
Hab 2.4; Rom 1.17 Na nea ɔteɛ no fi gyidi mu benya nkwa,
na sɛ ɔtwe ne ho a, me kra ani rensɔ no.
39Na yɛn de, yɛmfra wɔn a wɔtwe wɔn ho kɔ ɔsɛe mu no mu, na mmom yɛfra wɔn a wogye di kɔ nkwagye mu no mu.
Currently Selected:
Hebrifo 10: RATB
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.