Gyidi nti na Mose nyinii no, wampɛ sɛ wɔfrɛ no Farao babea ba, na ɔpawee sɛ ɔne Nyankopɔn man behu amane mmom kyɛn sɛ ɔbɛte bɔne mu dɛw nna tiaa bi. Obuu Kristo ahohora sɛ ahonya kɛse sen Misraim ahonyade, efisɛ ɔhwɛɛ akatua no. Gyidi nti na ogyaw Misraim hɔ a wansuro ɔhene abufuw, na omiaa n’ani tenaa mu sɛnea ohu nea wonhu no no.