1
Hebrifo 10:25
KYERƐW KRONKRON
RATB
Na mommma yennnyae yɛn ho yɛn ho nhyiam, sɛnea ebinom yɛ no, na mmom momma yentutu yɛn ho yɛn ho fo, dodow a muhu sɛ Ɛda no rebɛn no.
Compare
Explore Hebrifo 10:25
2
Hebrifo 10:24
na momma yɛnhwehwɛ yɛn ho ntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.
Explore Hebrifo 10:24
3
Hebrifo 10:23
Momma yenso anidaso asɛm a yegyina so ka no mu pintinn, efisɛ ɔnokwafo ne nea ɔhyɛɛ bɔ no
Explore Hebrifo 10:23
4
Hebrifo 10:36
Na boasetɔ hia mo, na, sɛ muwie nea Onyankopɔn pɛ no yɛ a, mo nsa aka bɔhyɛ no.
Explore Hebrifo 10:36
5
Hebrifo 10:22
momma yɛmfa nokware koma wɔ gyidi a akyinnye nnim koraa mu mmɛn sɛ nnipa a wɔapete wɔn koma ho afi ahonim bɔne mu, na wɔde nsu krogyenn aguare wɔn nipadua.
Explore Hebrifo 10:22
6
Hebrifo 10:35
Enti monntow mo nnamyɛ a ɛwɔ akatua kɛse no nnkyene.
Explore Hebrifo 10:35
7
Hebrifo 10:26-27
Na sɛ yenya nya nokware no mu nimdeɛ, na akyiri yi yɛboapa kɔyɛ bɔne a, na bɔne ho afɔre biara nni hɔ bio, na mmom nea aka ne atemmu akwanhwɛ bi a ɛyɛ hu, ne ogya a ɛrebɛhyew atamfo no pasaa.
Explore Hebrifo 10:26-27
Home
Bible
Plans
Videos