1 Timoteo 6
6
1 #
Efe 6.5; Tito 2.9-10 Nkoa dodow a wɔwɔ kɔnnua ase no mmu wɔn wuranom sɛ nidi nyinaa sɛ wɔn, na Onyankopɔn din ne kyerɛkyerɛ no ho anhura. 2#Flm 16 Na mma wɔn a wɔwɔ wuranom gyidifo mmmu wɔn animtiaa sɛ wɔyɛ anuanom, na mmom wɔnsom wɔn yiye, efisɛ wɔn a wonya yiyeyɛ no mu biribi no yɛ gyidifo ne adɔfo. Eyinom na kyerɛkyerɛ, na tu ho fo.
Nkontompo nkyerɛkyerɛ
3 #
Gal 1.6-9; 2 Tim 1.13 Sɛ obi kyerɛ, nkyerɛkyerɛ foforo na wampene yɛn Awurade Yesu Kristo nsɛm a eye no ne nkyerɛnkyerɛ a ɛde kɔ onyamesom pa mu a, 4wahoman, na onnim hwee, na mmom ɔyare akyinnyegye ne ɔnokotwa a nea efi mu ba ne nitan, kunsunkunsun, nsekudi, nnipa ho adwemmɔne, 5mansotwe a ɛsɛ nnipa a wɔn adwenem asɛe, na nokware abɔ wɔn a wosusuw sɛ onyamesom pa yɛ adepɛde.
Adifudepɛ
6 #
Flp 4.11-12; Heb 13.5; 1 Tim 4.8 Nso onyamesom pa a abodwo wɔ mu yɛ adenya kɛse mmom. 7#Ɔsɛ 5.14; Hiob 1.21 Na yɛamfa hwee amma wiase, nanso yentumi mfa hwee mfi mu nkɔ. 8#Mmb 30.8 Na sɛ yɛwɔ nnuan ne nea yɛde kata yɛn ho a, momma ɛno ara nnɔɔso mma yɛn. 9#Mmb 23.4; 28.22 Na wɔn a wɔpɛ wɔn ho anya no hwe sɔhwɛ ne afiri ne nkwasea akɔnnɔ a enye mma nnipa na ɛtwe wɔn kogu ɔsɛe ne ɔyera mu mu. 10#Efe 5.5 Na bɔne nyinaa ntini ne sikapɛ a ebinom dii akyi yeraa gyidi kwan na wɔde yaw pii wowɔɔ wɔn ho.
Adesrɛ bi
11 #
2 Tim 2.22
Na wo, Onyankopɔn nipa, de, guan eyinom, na di trenee, onyamesom pa, gyidi, ɔdɔ, boasetɔ, odwo akyi. 12#1 Ko 9.25-26 Ko gyidi ko pa no, so daa nkwa a wɔbɔɔ din frɛɛ wo na wopaee mu kaa no yiye adansefo pii anim no mu. 13#Yoh 18.36-37; 19.11 Mitu wo fo Onyankopɔn a ɔma nneɛma nyinaa nkwa ne Kristo Yesu a ɔpaee mu kaa no yiye dii ho adanse Pontio Pilato anim no anim 14sɛ, hwɛ ahyɛde no so, mma dɛm anaasɛ asɛm bi mmma ho kosi yɛn Awurade Yesu Kristo ahoyi so. 15#1 Tim 1.11; Adi 17.14; Deut 10.17 Ɛno na nea ɔbɛkyerɛ bere a ɛsɛ mu ne ahotɔ tumfo koro no, ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade, 16#Eks 33.20 nea ɔno nko wɔ daa nkwa a owu nnim, te hann a obi nnya ho kwan mu, nea nnipa mu biara nhuu no da, na obiara ntumi nhu no no, ɔno na nidi ne daa tumi wɔ no. Amen.
Otu adefo fo
17 #
Nnw 62.10; Luka 12.20 Kasa kyerɛ adefo a wɔwɔ wiase sɛ wonnnwen akokurokosɛm, nso wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyade a enni hɔ daa so, na wɔmfa wɔn ani nto Nyankopɔn a ɔma yɛn nneɛma nyinaa ma ɛdɔɔso sɛ yenni no so, 18sɛ wɔnyɛ yiye, nnya wɔn ho nnwuma pa fam; sɛ wɔnkyɛ ade fɛw so na wɔn nsam ngow, 19#Mat 6.20 na wɔmfa nhyehyɛ fapem pa nto hɔ mma wɔn ho nsie daakye, na wɔaso nokware nkwa no mu.
Awiei ne nhyira
20 #
2 Tim 1.14; 1 Tim 4.7 O Timoteo, hwɛ nea wɔde ahyɛ wo nsa no so; twe wo ho fi nsɛnhuhuw a ɛho ntew, ne nimdeɛ a wɔboa frɛ no saa no akyinnyesɛm no ho. 21#1 Tim 1.6; 2 Tim 2.18 Ɛno na ebinom yi kyerɛe pae fii gyidi no ho. Adom nka mo.
Currently Selected:
1 Timoteo 6: RATB
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.