1 Timoteo 5
5
Agyidifo ho asodi
1 #
Lew 19.32
Mpoopoo w’ani nkyerɛ ɔpanyin, na mmom tu no fo sɛ agya, mmerante sɛ anuanom, 2mmea mpanyin sɛ ɛnanom, mmabaa sɛ nuammeanom, wɔ ahotew nyinaa mu.
3 #
1 Tim 5.5
Di mmea akunafo a wɔyɛ akunafo ampa no ni. 4Na sɛ okunafo bi wɔ mma anaa mmanana a, wonsua onyamesom pa wɔn fi mu kan, ntua wɔn awofo ka; efisɛ eyi na eye na ɛsɔ Onyankopɔn ani. 5#Luka 2.37 Na nea ɔyɛ okunafo ampa, na aka ne nko no, ɔde n’ani to Nyankopɔn so, na okura nkotɔsrɛ ne mpaebɔ mu anadwo ne awia. 6Na nea ɔbɔ ahohwi no de, ɔyɛ teaseawu. 7Eyinom ho na hyɛ, na wɔannya wɔn ho asɛm bi anka. 8Na sɛ obi nhwɛ n’ankasa ne nnipa ne, ne titiriw no, ne fifo a, wapa gyidi, na ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni.
9Wɔmmfa okunafo a onnya nnii mfirihyia aduosia nhyɛ mu, na mmom wɔmfa nea waware kunu biako, 10#Heb 13.2 nea wodi no ne ne nnwuma pa ho adanse: Wayɛn mma, sɛ wayɛ hɔhoyɛ, sɛ wahohoro ahotewfo anan ho, sɛ waboa wɔn a wɔn ho hia wɔn, sɛ wadi adwuma pa nyinaa akyi.
11Na akunafo a wonnyinii de, mfa wɔn; na sɛ Kristo ho fono wɔn a, na wɔpɛ sɛ wɔware, 12na wonya afobu sɛ wɔapa kan gyidi no. 13Na emu ara nso na wɔyɛ anihaw sua afi mu kyinkyin, na ɛnyɛ anihaw nko na wɔyɛ, na wɔyɛ kurokuro ne tɛretɛre nso keka nsɛm a ɛnsɛ.
14 #
1 Ko 7.9
Enti mepɛ sɛ wɔn a wonnyinii ɛ no ware wo mma di ofi so, na wɔamma ɔtamfo ho kwan sɛ ɔnyaw; 15efisɛ ebinom aman akodi Satan akyi dedaw. 16Sɛ ɔbea gyidini bi wɔ akunafo a, ɔnhwɛ wɔn, na ɔmmma ɛnnyɛ asafo no adesoa, na asafo no nhwɛ wɔn a wɔyɛ akunafo ampa no.
17 #
Rom 12.8
Mpanyimfo a wɔhwɛ asafo no so yiye no, wɔmfa nidi mmɔho nni wɔn, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ asɛnka ne nkyerɛkyerɛ ho adwuma. 18#Deut 25.4; 1 Ko 9.9; Luka 10.7 Na kyerɛw no se: Nantwi a ɔporow aburow no, ma no nni bi, ne: Odwumayɛni akatua sɛ no. 19#Deut 19.15; 2 Ko 13.1 Ntie asafo mu panyin ho nkurobɔ, gyee adansefo baanu anaa baasa anom. 20#Gal 2.14 Wɔn a wɔyɛ bɔne no, yi wɔn ntɛn wɔn nyinaa anim, na wɔn a aka no nso asuro.
Adesrɛ ne afotu
21Mehyɛ wo Onyankopɔn ne Awurade Kristo Yesu ne abɔfo a wɔapaw wɔn no anim, sɛ hwɛ eyinom yiye, na woampere ho ammu atɛn, nso woanyɛ biribiara nyiyimu so. 22#1 Tim 4.14 Mfa wo nsa ngu obi so ntɛm, nanso mfa wo ho mfra ebinom bɔne mu. Fa wo ho si hɔ kronn. 23Nnom nsu nko bio, na wo yafunu ne wo mmerɛw a wotaa yɛ no nti, nom bobesa kakraa bi!
24Nnipa binom bɔne da adi de wɔn rekɔ atemmu mu, na ebinom de nso di wɔn akyi. 25Saa ara na nnwuma pa nso da adi pefee, na sɛ annyɛ saa mpo a entumi nhintaw.
Currently Selected:
1 Timoteo 5: RATB
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.