2 Timoteo NHYƐNMU
NHYƐNMU
Paulo nhoma a ɛto so abien a ɔde kɔmaa Timoteo no yɛ afotu a ɔde maa n’abofra Timoteo a ɔsan yɛ ne boafo no. Asɛm titiriw a ɛwɔ mu ne boasetɔ. Ɔtu Timoteo fo san hyɛ no den sɛnea ɔbɛkɔ so adi Yesu Kristo ho adanse nokware mu, na wakura nokware nkyerɛkyerɛ a ɛfa Asɛmpa no ne Apam Dedaw no ho mu. Ose: Ɔnyɛ n’asɛde sɛ ɔkyerɛkyerɛfo ne ɔsɛmpakani wɔ ɔtaa ne amanehunu mu.
Ade titiriw a ɔbɔɔ Timoteo kɔkɔ wɔ ho ne “nkwasea akyinnye ne biribi a ɔnnim ho akyinnye” a ɛmfa biribi pa biara mma, na mmom ɛsɛe wɔn a wɔtie no no.
Ne nyinaa mu na ɔkyerɛwfo no kae Timoteo, ɔno ara n’abrabɔ ne ne botae nhwɛso — ne gyidi, n’abotare, ne dɔ, ne boasetɔ, n’amanehunu wɔ ɔtaa mu.
EMU NSƐM
Mfitiase no nkyerɛkyerɛmu 1.1-2
Ayeyi ne afotusɛm 1.3—2.13
Afotusɛm ne kɔkɔbɔ 2.14—4.5
Paulo tebea mu 4.6-18
Awiei 4.19-22
Currently Selected:
2 Timoteo NHYƐNMU: RATB
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.