1 Tesalonikafo 5
5
Obiara nnim da ko a Awurade bɛsan aba
1 #
Mat 24.36
Na nna no ne mmere no de, anuanom, enhia mo sɛ wɔkyerɛw brɛ mo. 2#Mat 24.42-44; 2 Pe 3.10; Adi 3.3; 16.15 Efisɛ mo ankasa munim yiye sɛ Awurade da no bɛba sɛ owifo ba anadwo. 3#Yer 6.14; Mat 24.39 Na bere a wɔbɛka se: Yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ, no, ɛnne mpofirim na ɔsɛe bɛba wɔn so sɛ awoko ba ɔbea a ɔyem so, na wɔrennya ɔkwan nguan. 4Na mo de, anuanom, munni sum mu, na ɛda no abɛto mo sɛ owifo. 5#Rom 13.12; Efe 5.8 Mo nyinaa moyɛ hann mma ne adekyee mma; yɛnyɛ anadwo anaa esum dea.
6Enti mommma yɛnnna sɛ wɔn a aka no, na mmom momma yɛnwɛn, na yɛn ani nna hɔ. 7Efisɛ wɔn a wɔda da anadwo, na wɔn a wɔbow bow anadwo, 8#Efe 6.14-17 na yɛn a yɛyɛ adekyee de yi, momma yɛn ani nna hɔ, na yɛnhyɛ gyidi ne ɔdɔ nkatabo ne nkwagye anidaso sɛ dade kyɛw. 9Efisɛ Onyankopɔn anyi yɛn amma abufuw, na mmom oyii yɛn sɛ Awurade Yesu Kristo nti yemmenya nkwagye. 10#Rom 14.8-9; 1 Te 4.14 Ɔno na owu maa yɛn sɛ yenyan oo, yɛda oo, yɛne no ntena nkwa mu. 11#Yuda 20 Enti muntutu mo ho fo na obiara mpia ne yɔnko, sɛnea moreyɛ no.
Afotu ahorow
12 #
1 Ko 16.18
Na yɛsrɛ mo, anuanom, sɛ munhu wɔn a wɔyɛ mo mu adwuma na wodi mo so mpanyin Awurade mu na wɔkasa kyerɛ mo, 13na mummu wɔn papaapa ɔdɔ mu, wɔn adwuma nti. Montena asomdwoe mu. 14#2 Te 3.15 Afei yetu mo fo, anuanom, sɛ monkasa nkyerɛ wɔn a wɔnam basabasa, monkyekye wɔn a wɔn koma atu werɛ, munso wɔn a wɔyɛ mmerɛw mu, montɔ mo bo ase mma nnipa nyinaa. 15#Mmb 20.22; Rom 12.17; 1 Pe 3.9 Monhwɛ na obi amfa bɔne antua obi bɔne so ka, na mmom munni nea eye akyi daa, mo ne nnipa nyinaa ho. 16#Flp 4.4 Momma mo ani nnye daa; 17#Luka 18.1; Rom 12.12; Kol 4.2 munnnyae mpaebɔ da! 18#Efe 5.20 Monna ase ade nyinaa mu, na eyi ne nea Onyankopɔn pɛ, Kristo Yesu mu wɔ mo ho. 19#1 Ko 14.30; 14.39 Munnnum honhom no, 20#1 Ko 14.1 monntew adiyisɛm atua! 21#1 Ko 14.29; 1 Yoh 4.1 Monsɔ ade nyinaa nhwɛ, na munso nea eye no mu den. 22Munyi mo ho mfi bɔne su nyinaa ho.
23Na ɔno asomdwoe Nyankopɔn no ara ntew mo ho koraa, na ɔnhwɛ mo honhom ne mo kra ne mo nipadua so mu a ɛho remma asɛm bi yɛn Awurade Yesu Kristo ba mu. 24#1 Ko 1.9; 2 Te 3.3 Ɔnokwafo ne nea ɔfrɛ mo no, ɔno nso na ɔbɛyɛ.
Nkradi
25Anuanom, mommɔ mpae mma yɛn. 26#1 Ko 16.20 Momfa mfewano kronkron nkyiakyia anuanom nyinaa. 27Mehyɛ mo Awurade mu sɛ momma wɔnkenkan nhoma yi nkyerɛ anuanom nyinaa. 28Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo.
Currently Selected:
1 Tesalonikafo 5: RATB
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.