2 Tesalonikafo NHYƐNMU
NHYƐNMU
Adwene mu sakasaka a ɛfa Kristo mmae no ho kɔɔ so ara de ɔhaw baa Tesalonika asafo no mu. Nhoma a ɛtɔ so abien a Paulo de kɔmaa Tesalonikafo no ka gyidi bi a na ɛwɔ hɔ sɛ da a Awurade bɛba no aba dedaw no ho asɛm. Bere a Paulo rekyerɛkyerɛ wɔn mu no, ɔtwee wɔn adwene gyinaa so sɛ, ansa na Kristo bɛba no, bɔne ne amumɔyɛ bedu ne mpɔmpɔnso bere a onipa sonowonko bi a wɔfrɛ no “otirimmɔdenfo no” bɛsɔre atia Kristo.
Ɔsomafo yi sii so dua sɛ ehia sɛ n’akenkanfo kura wɔn gyidi mu pintinn wɔ ɔhaw ne yaw mu. Wɔnyɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ na wɔn nsa bɛkɔ wɔn ano sɛnea Paulo ne ne mfɛfo adwumayɛfo yɛe no, na afei wɔmmrɛ wɔ papayɛ mu da.
EMU NSƐM
Nhoma no Mfiase nkyerɛkyerɛmu 1.1-2
Ayeyi ni abasobɔ 1.3-12
Kristo mae a ɛto so abien no ho nhyehyɛe 2.1-17
Kristofo suban ho afotu 3.1-15
Awiei 3.16-18
Currently Selected:
2 Tesalonikafo NHYƐNMU: RATB
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.