1
1 Tesalonikafo 5:16-18
KYERƐW KRONKRON
RATB
Momma mo ani nnye daa; munnnyae mpaebɔ da! Monna ase ade nyinaa mu, na eyi ne nea Onyankopɔn pɛ, Kristo Yesu mu wɔ mo ho.
Compare
Explore 1 Tesalonikafo 5:16-18
2
1 Tesalonikafo 5:23-24
Na ɔno asomdwoe Nyankopɔn no ara ntew mo ho koraa, na ɔnhwɛ mo honhom ne mo kra ne mo nipadua so mu a ɛho remma asɛm bi yɛn Awurade Yesu Kristo ba mu. Ɔnokwafo ne nea ɔfrɛ mo no, ɔno nso na ɔbɛyɛ.
Explore 1 Tesalonikafo 5:23-24
3
1 Tesalonikafo 5:15
Monhwɛ na obi amfa bɔne antua obi bɔne so ka, na mmom munni nea eye akyi daa, mo ne nnipa nyinaa ho.
Explore 1 Tesalonikafo 5:15
4
1 Tesalonikafo 5:11
Enti muntutu mo ho fo na obiara mpia ne yɔnko, sɛnea moreyɛ no.
Explore 1 Tesalonikafo 5:11
5
1 Tesalonikafo 5:14
Afei yetu mo fo, anuanom, sɛ monkasa nkyerɛ wɔn a wɔnam basabasa, monkyekye wɔn a wɔn koma atu werɛ, munso wɔn a wɔyɛ mmerɛw mu, montɔ mo bo ase mma nnipa nyinaa.
Explore 1 Tesalonikafo 5:14
6
1 Tesalonikafo 5:9
Efisɛ Onyankopɔn anyi yɛn amma abufuw, na mmom oyii yɛn sɛ Awurade Yesu Kristo nti yemmenya nkwagye.
Explore 1 Tesalonikafo 5:9
7
1 Tesalonikafo 5:5
Mo nyinaa moyɛ hann mma ne adekyee mma; yɛnyɛ anadwo anaa esum dea.
Explore 1 Tesalonikafo 5:5
Home
Bible
Plans
Videos