YouVersion Logo
Search Icon

Malaki 3

3
AWURADE onimdefo
1 # Mat 11.10; Mar 1.2; Luka 1.17 Hwɛ, meresoma me bɔfo, na wasiesie ɔkwan adi m’anim, na mpofirim na Awurade a mohwehwɛ no no, yiw apam bɔfo a mopɛ no no bɛba n’asɔrefi; hwɛ, ɔreba, asafo Awurade na ose. 2#Yes 1.25 Na hena na obetumi ne ba da no, na ɔrebeyi ne ho adi no, hena na obegyina?
Na ɔte sɛ ɔnanfo gya ne ntamasifo gyakisi; 3#Sak 13.9 na ɔbɛtena ase anan dwetɛ ayiyi mu, na obeyiyi Lewi mma mu, na wapaw wɔn mu sɛ sika ne dwetɛ, na wɔanya wɔn a wɔde ayɛyɛde a ɛho tew abrɛ Awurade. 4Ɛno ansa na Yuda ne Yerusalem ayɛyɛde bɛsɔ Awurade ani sɛ tete nna ne kan mfe no.
5Na mɛbɛn mo mabebu atɛn, na mɛyɛ ɔdansefo a ne ho yɛ hare mahyɛ ntafowayifo ne awaresɛefo ne wɔn a wɔkeka ntanhunu ne wɔn a wodi apaafo apaade, okunafo ne ayisaa amim, na wosisi ɔhɔho, na wonsuro me no, asafo Awurade na ose. 6Na me, Awurade, mensakra; enti mo, Yakob mma, morenwie sa.
Ntotoso du du ho asɛm
7 # Sak 1.3 Efi mo agyanom bere so na mosan fii m’ahyɛde ho na moanni so. Monsan mmra me nkyɛn, na mɛsan maba mo nkyɛn, asafo Awurade na ose. Na moka se: Dɛn mu na yɛnsan? 8So onipa bɛfow Onyankopɔn sɛ morefow me yi? Na moka se: Dɛn mu na yɛfow wo? Ntotoso du du ne soma afɔrebɔde mu. 9#Hag 1.6 Wɔde nnome adome mo, efisɛ me na morefow me, ɔman mu no nyinaa. 10Momfa ntotoso du du no nyinaa mmra adekora dan mu, na aduan ntena me fi. Na momfa eyi nsɔ me nhwɛ ɛ, asafo Awurade na ose, sɛ meremmue ɔsoro mfɛnsere memma mo, na merenhwie nhyira memma mo mma ɛmmoro so anaa? 11Na mɛyaw odidifo no mama mo, na wammɛsɛe asase aba amma mo, na afuw mu bobe aba ammɔ mo, asafo Awurade na ose. 12Na amanaman nyinaa bebu mo ahotɔfo, na mobɛyɛ anika asase, asafo Awurade na ose.
Awerɛkyekye bɔhyɛ
13Mokasa tia me, Awurade na ose. Nanso moka sɛ: Dɛn na yɛka tia wo? 14#Nnw 73.13-14 Moaka se: Onyankopɔn som yɛ ɔkwa; na ɛyɛ mfaso bɛn sɛ yɛhyɛ n’ahwɛde na yɛnantew birisi mu, asafo Awurade anim? 15Na afei yɛn de, yebu ahantanfo ahotɔfo; wɔn a wodi abɔnefosɛm no, wɔn ase atim, nso wɔsɔ Onyankopɔn hwɛ, na wofi mu guan nso.
16Ɛnna wɔn a wosuro AWURADE no kasakasae wɔn mu, na AWURADE yɛɛ aso na ɔtee, na wɔkyerɛw n’anim nkae nhoma maa wɔn a wosuro Awurade na wobu ne din no. 17#Eks 19.5 Na wɔbɛyɛ me de, asafo AWURADE na ose, ɛda a mɛyɛ eyi no wɔbɛyɛ m’ankasa de, na mɛkyɛe wɔn so sɛnea obi kyɛe ne ba a ɔsom no no so. 18Ɛnna mobɛsan ahu nsonoe a ɛda ɔtreneeni ne ɔbɔnefo ntam, ne nea ɔsom Onyankopɔn ne nea ɔnsom no, no ntam.

Currently Selected:

Malaki 3: ATWDB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in

Video for Malaki 3