Malaki 4
4
AWURADE da kɛse no
1Na hwɛ, ɛda no reba a ɛbɛhyew sɛ fononoo, na ahantanfo nyinaa ne obiara a odi abɔnefosɛm bɛyɛ sakran, na ɛda a ɛreba no bɛhyew wɔn, asafo Awurade na ose, na ɛrennyaw wɔn ntini anaa baa. 2#Luka 1.78 Na mo a musuro me din no, trenee wia bepue ama mo, na ayaresa wɔ ne ntaban ase, na mubefi adi ahuruhuruw sɛ anantwiforo a wɔadi adɔ, 3#Mal 3.17 na mubetiatia abɔnefo so, na wɔbɛyɛ nso mo nan ase, ɛda a mereyɛ eyi no so, asafo Awurade na ose.
Kɔkɔbɔ ne bɔhyɛ
4Monkae m’akoa Mose mmara a mehyɛɛ no Horeb, Israel nyinaa ho sɛ ahyɛde ne atemmude no.
5 #
Mat 11.14; 17.11-13; Yoel 3.4 Hwɛ, meresoma odiyifo Elia mabrɛ mo, ansa na Awurade da kɛse a ɛyɛ hu no aba. 6#Luka 1.17 Na ɔbɛdannan agyanom koma aba mma so, ne mma koma aba agyanom so, na mamma mamfa mmusu mammɛbɔ asase no.
Currently Selected:
Malaki 4: ATWDB
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.