1
Malaki 3:10
KYERƐW KRONKRON
ATWDB
Momfa ntotoso du du no nyinaa mmra adekora dan mu, na aduan ntena me fi. Na momfa eyi nsɔ me nhwɛ ɛ, asafo Awurade na ose, sɛ meremmue ɔsoro mfɛnsere memma mo, na merenhwie nhyira memma mo mma ɛmmoro so anaa?
Compare
Explore Malaki 3:10
2
Malaki 3:11-12
Na mɛyaw odidifo no mama mo, na wammɛsɛe asase aba amma mo, na afuw mu bobe aba ammɔ mo, asafo Awurade na ose. Na amanaman nyinaa bebu mo ahotɔfo, na mobɛyɛ anika asase, asafo Awurade na ose.
Explore Malaki 3:11-12
3
Malaki 3:17-18
Na wɔbɛyɛ me de, asafo AWURADE na ose, ɛda a mɛyɛ eyi no wɔbɛyɛ m’ankasa de, na mɛkyɛe wɔn so sɛnea obi kyɛe ne ba a ɔsom no no so. Ɛnna mobɛsan ahu nsonoe a ɛda ɔtreneeni ne ɔbɔnefo ntam, ne nea ɔsom Onyankopɔn ne nea ɔnsom no, no ntam.
Explore Malaki 3:17-18
4
Malaki 3:1
Hwɛ, meresoma me bɔfo, na wasiesie ɔkwan adi m’anim, na mpofirim na Awurade a mohwehwɛ no no, yiw apam bɔfo a mopɛ no no bɛba n’asɔrefi; hwɛ, ɔreba, asafo Awurade na ose.
Explore Malaki 3:1
Home
Bible
Plans
Videos