YouVersion Logo
Search Icon

Romafoɔ NHYƐNMU

NHYƐNMU
Paulo nwoma yi a ɔtwerɛ kɔmaa Romafoɔ no, na ɔde resiesie kwan ama ne nsrahwɛ a wahyehyɛ sɛ ɔbɛkɔ wɔ Roma no. Ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛyɛ adwuma kakra wɔ Roma, na wɔaboa no ama watumi akɔ Spania. Ɔtwerɛe de kyerɛɛ ne nteaseɛ a ɔwɔ wɔ Kristosom gyidie ho, ne sɛdeɛ ɛsɛ sɛ ɛda adi wɔ Akristofoɔ abrabɔ mu. Nwoma no kura Paulo nsɛm a ɛsi pi pa ara no.
Ɔkyeaa nnipa a ɛwɔ Roma Asafo mu wieeɛ pɛ, na ɔmaa wɔhunuu ne mpaebɔ a ɔbɔ ma wɔn. Paulo ka ne botaeɛ a ɔde twerɛɛ Krataa no: “Ɛfiri sɛ emu na wɔyi Nyankopɔn tenenee adi firi gyidie mu kɔ gyidie mu, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Deɛ ɔtene firi gyidie mu bɛnya nkwa” (1.17).
Yei akyiri no, Paulo firi aseɛ sanesanee ne botaeɛ no mu. Nnipa nyinaa, Yudafoɔ ne amanaman mufoɔ hia sɛ wɔbɛgyina Onyankopɔn anim sɛdeɛ ɛfata, ɛfiri sɛ wɔn nyinaa hyɛ bɔne tumi ase. Nnipa nam Yesu Kristo mu gyidie so bɛtumi asiesie wɔn ne Onyankopɔn ntam. Deɛ ɛtoa soɔ no, Paulo kyerɛkyerɛ nkwa foforɔ a ɛnam Kristo mu ayɔnkofa a ɛka wɔn ne Onyankopɔn bɔ mu no mu. Onyankopɔn Honhom ma ogyidini tumi de ne ho firi bɔne ne owuo tumi ase ma ɔne Onyankopɔn ntam bɛyɛ asomdwoeɛ. Ɛfiri ti 5-8 no, Paulo kyerɛkyerɛ botaeɛ a Onyankopɔn mmara kura ne Onyankopɔn Honhom mu tumi a ɛwɔ ogyidini asetena mu. Ɔsomafoɔ no de tentam asɛmmisa a ɛkyerɛ sɛdeɛ Yudafoɔ ne amanaman mufoɔ ba Onyankopɔn nhyehyɛɛ a ɔwɔ ma adasa nyinaa no mu. Ɔwie sɛ Yudafoɔ a wɔapo Yesu no, ka Onyankopɔn nhyehyɛɛ a ɔnam so rema nnipa nyinaa aba Onyankopɔn adom a ɛwɔ Yesu Kristo mu no ho. Ɔgye di nso sɛ Yudafoɔ no renkɔ so ara mpo Yesu daa. Awieeɛ koraa no, Paulo twerɛɛ sɛdeɛ ɛsɛ sɛ wɔtena ase, ne titire ne sɛ wɔbɛma ɔdɔ ayɛ adwuma wɔ wɔn ne afoforɔ ntam. Ɔfaa botaeɛ bi te sɛ ɔsom a wɔde ma Onyankopɔn, Akristofoɔ asɛdeɛ wɔ aban mu ne nnipa afoforɔ ho ne nsɛmmisa a ɛwɔ tiboa ho. Ɔde ne nkyea nsɛm ne nsɛm a ɔde yi Onyankopɔn ayɛ na ɛwie.
EMU NSƐM
Nhyɛnmu ne nnyinasoɔ asɛm 1.1-17
Hia a wɔhia nkwagyeɛ 1.18—3.20
Onyankopɔn nkwagyeɛ kwan 3.21—4.25
Kristo mu abrabɔ foforɔ no 5.1—8.39
Israel wɔ Onyankopɔn nhyehyɛɛ mu 9.1—11.36
Okristoni abrabɔ 12.1—15.13
Awieeɛ ne n’ankasa nkyea 15.14—16.27

Currently Selected:

Romafoɔ NHYƐNMU: ASW

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in