Asomafoɔ 28
28
Paulo wɔ Malta supɔ so
1Na yɛfirii mu firiiɛ no, ɛno na yɛtee sɛ wɔfrɛ supɔ no Malta. 2#2 Ko 11.27 Na nnipa a wɔwɔ hɔ no yɛɛ yɛn adɔeɛ kɛseɛ; na osuo a ɛretɔ ne awɔ no nti, wɔsɔɔ ogya maa yɛn gyee yɛn nyinaa fɛ so. 3Na Paulo boaboaa mmabowa ano de guu ogya no soɔ no, ɔhyeɛ no nti, ahuritia bi firii mu bɛbankyeree ne nsa ho. 4Na nnipa a wɔwɔ hɔ no hunuu aboa no sɛ ɔsɛne ne nsa ho no, wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Ampa ara, onipa yi yɛ owudini a wanya nkwa afiri ɛpo mu deɛ, nanso aweretɔ nti, ɛremma no nnya nkwa. 5#Mar 16.18 Na ɔpetee aboa no too ogya mu, nso hwee anyɛ no. 6#Aso 14.11 Na wɔn deɛ, na wɔn ani da so sɛ Paulo rebɛhonhono anaasɛ ɔrebɛhwe ase awu mpofirim; nanso wɔhwɛe hwɛeɛ na wɔhunuu sɛ biribiara anyɛ no no, wɔsesaa wɔn adwene kaa sɛ gyama ɔyɛ onyame bi.
7Nso ɛhɔnom ara na supɔ no so otitire a ne din de Publio no asase wɔ; na ɔgyee yɛn, yɛɛ yɛn hɔhoɔ nnansa, hwɛɛ yɛn yie. 8Na ɛbaa sɛ na Publio n’agya da hɔ yare huraeɛ ne konkurowa; enti Paulo kɔɔ ne nkyɛn, na ɔbɔɔ mpaeɛ, de ne nsa guu ne so saa no yadeɛ. 9Yei akyiri no, wɔn a aka nso a wɔyare supɔ no soɔ no bae, maa ɔsaa wɔn yadeɛ. 10Wɔdii yɛn ni pii, na yɛfiri hɔ rekorɔ no, wɔde nnoɔma a ɛhia yɛn no brɛɛ yɛn.
Paulo kɔduru Roma
11Na abosome mmiɛnsa akyiri no, yɛfaa Aleksandria suhyɛn bi a ɛbɛdii awɔ berɛ supɔ no so a ne nsɛnkyerɛnneɛ ne Ata-ne-Ata no mu kɔe. 12Na yɛkɔgyinaa Sirakuse no, yɛdii hɔ nnansa. 13Ɛhɔ na yɛfiri konton kɔduruu Regio, na dafua akyiri no, anafoɔ mframa bɔe, na adeɛ kyeeɛ no, yɛkɔduruu Puteoli. 14Ɛhɔ na yɛhunuu anuanom bie, na wɔsrɛɛ yɛn sɛ yɛntena wɔn nkyɛn nnanson. Na yɛfiri hɔ kɔduruu Roma. 15Ɛhɔ na anuanom a wɔtee yɛn nka no firi bɛhyiaa yɛn Apia dwa mu ne akuraa bi a ɛde Nsadan-Mmiɛnsa, na Paulo hunuu wɔn no, ɔdaa Onyankopɔn ase, na ɔmaa ne bo tɔɔ ne yam. 16#Aso 27.3 Na yɛduruu Roma no, wɔmaa Paulo kwan sɛ ɔne ɔsraani a ɔhwɛ no no nkɔtena faako a ɔpɛ.
Paulo ne Yudafoɔ mpanimfoɔ nkɔmmɔbɔ
17 #
Aso 23.1
Na ɛbaa sɛ nnansa akyiri no, Paulo frɛfrɛɛ Yudafoɔ atitire no hyiae; na wɔbaeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anuanom, manyɛ biribi mantia ɔman anaa yɛn agyanom amanneɛ deɛ, nanso wɔkyeree me Yerusalem de me hyɛɛ Romafoɔ nsa. 18Na wɔn nso, wɔhwehwɛɛ asɛm no mu no, wɔpɛɛ sɛ anka wɔgyaa me, ɛfiri sɛ menyɛɛ adeɛ biara a ɛfata okum. 19#Aso 25.11 Nanso Yudafoɔ kasa tiaeɛ nti, na ɛtwa sɛ mede m’asɛm mekɔdan Kaesare; na ɛnyɛ sɛ me ne me man wɔ nkuro bi. 20#Aso 26.6-7 Afei yei nti na mefrɛɛ mo, sɛ mɛhu mo, na makasa makyerɛ mo; ɛfiri sɛ Israel anidasoɔ nti na wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn yi agu me yi.
21Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛn deɛ, yɛnnyaa wo ho nwoma bi mfirii Yudea, nanso anuanom no mu biara mma mmɛbɔɔ kaseɛ, anaasɛ ɔmmɛkaa wo ho asɛmmɔne bi. 22#Aso 24.14; Luka 2.34 Na yɛpɛ sɛ yɛtie deɛ wo ara wodwene, na fekuo yi deɛ, yɛnim sɛ wɔkasa tia wɔ mmaa nyinaa.
Paulo ka asɛm wɔ Roma
23Na wɔhyɛɛ no da no, nnipa bebree baa ne nkyɛn faako a ɔteɛ hɔ; na ɔkyerɛɛ wɔn aseɛ dii Nyankopɔn ahennie ho adanseɛ, na ɔde Mose mmara ne adiyifoɔ no kyerɛɛ wɔn Yesu ho nsɛm no firi anɔpa kɔsii anwummerɛ. 24Na ebinom gyee deɛ ɔkaeɛ no dii, na ebinom nso annye anni. 25#Yes 6.9-10 Na wɔn ano ankɔ bɛnkorɔ mu nti, wɔkɔe, berɛ a Paulo kaa asɛm baako sɛ: Nokwasɛm na Honhom Kronkron nam Odiyifoɔ Yesaia so ka kyerɛɛ mo agyanom sɛ:
26Kɔ ɔman yi nkyɛn, na kɔka sɛ:
Ɛteɛ deɛ, mobɛte, na morente aseɛ,
na ehunu nso, mobɛhunu, na morenhunu mu.
27Na ɔman yi akoma apirim,
na wɔmfa wɔn aso nte asɛm yie,
na wɔamuamua wɔn ani;
na wɔamfa wɔn ani anhunu adeɛ,
na wɔamfa wɔn aso ante asɛm,
na wɔamfa wɔn akoma ante aseɛ,
na wɔannane amma me nkyɛn na mansa wɔn yadeɛ.
28 #
Aso 13.46
Enti monhunu sɛ wɔama wɔde Nyankopɔn nkwagyeɛ no akɔma amanaman mufoɔ; na wɔbɛte. 29[Na ɔkaa nsɛm yi no, Yudafoɔ no kɔe, na wɔgyegye akyinnyeɛ pii wɔn mu.]#28.29 Tete atwerɛ foforɔ a wɔgye to mu binom mfa nkyekyɛmu 29 nka ho. 30Na mfeɛ mmienu kusuu na ɔde tenaa ɔno ara ne fie a ɔtua ka no mu, na ɔgyee wɔn a wɔbaa ne nkyɛn nyinaa 31#Aso 28.23 kaa Nyankopɔn ahennie ho asɛm, na ɔde nnam nyinaa kyerɛkyerɛɛ nnoɔma a ɛfa Awurade Yesu Kristo ho, na obiara ansi no kwan.
Currently Selected:
Asomafoɔ 28: ASW
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012