YouVersion Logo
Search Icon

Romafoɔ 1

1
Nkyea
1 # Aso 9.15; 13.2; Gal 1.15 Paulo, Yesu Kristo akoa, a wɔfrɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ ɔsomafoɔ na wɔayi no asi hɔ ama Nyankopɔn asɛmpa 2#Tito 1.2; Rom 16.25-26 a ɔnam n’adiyifoɔ so hyɛɛ ho bɔ siee atwerɛ nsɛm kronkron no mu, 3#2 Sa 7.12; Mat 22.42; Rom 9.5 wɔ ne ba a honam fam wɔwoo no Dawid aseni no ho; 4#Aso 13.33 na wɔde tumi ayi no akyerɛ sɛ Nyankopɔn Ba, ahoteɛ honhom fam, awufoɔ sɔreɛ mu; ɔno ne Yesu Kristo, yɛn Awurade 5#Aso 26.16-18; Rom 15.18; Gal 2.7; 2.9 a yɛnam ne so anya adom ne asomafodwuma de rebrɛ amanaman nyinaa aso ase ama gyidie ne din nti; 6na mo a wɔafrɛ mo sɛ mommɛyɛ Yesu Kristo deɛ nso ka ho. 7#1 Ko 1.2; 2 Ko 1.1; Efe 1.1; Num 6.25-26 Me Paulo, metwerɛ de kɔma Nyankopɔn adɔfoɔ a wɔwɔ Roma nyinaa, a wɔafrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ahotefoɔ no: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu nka mo.
Aseda mpaebɔ
8 # Rom 16.19; 1 Te 1.8 Deɛ ɛdi kan ne sɛ, mo nyinaa nti, menam Yesu Kristo so meda me Nyankopɔn ase, ɛfiri sɛ wɔka mo gyidie ho asɛm wiase nyinaa. 9#Flp 1.8; Efe 1.16 Na me danseni ne Onyankopɔn a mesom no me honhom mu, ne Ba no asɛmpa no mu, sɛ mennyae mo din bɔ da, me mpaebɔ mu, 10#Aso 19.21; Rom 15.23; 15.31 na mesrɛ daa sɛ ebia Onyankopɔn pɛ a, da bi ɔnnya me kwan pa, na memmra mo nkyɛn. 11#Aso 28.31 Ɛfiri sɛ m’ani agyina sɛ mɛhu mo, na mede honhom adom akyɛdeɛ bi mabrɛ mo abɛhyɛ mo den, 12#2 Pe 1.1 ɛne sɛ ɛnam mo gyidie ne me deɛ so, yɛn nyinaa bɛnya awerɛkyekyerɛ wɔ yɛn mu. 13Nso, anuanom, mempɛ sɛ mede bɛsie mo sɛ mabɔ me tirim mprɛ pii sɛ anka mɛba mo nkyɛn, (nanso wɔasi me kwan abɛduru sɛsɛɛ), na manya mo nso mo mu aba bi, sɛ amanaman a aka no. 14Mede Helafoɔ ne Pɔtɔfoɔ anyansafoɔ ne wɔn a wɔyɛ adwenem harefoɔ no ka; 15saa nti na mefiri m’ahoɔden nyinaa mu masiesie me ho sɛ mɛka asɛmpa no makyerɛ mo a mowɔ Roma nso.
Asɛmpa no mu tumi
16 # Dwom 119.46; 1 Ko 1.18; 1.24; Aso 13.46 Na m’ani nwu asɛmpa no ho, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Nyankopɔn tumi a ɛde kɔ nkwagyeɛ mu ma wɔn a wɔgye die nyinaa, Yudafoɔ kane ne Helafoɔ nso. 17#Rom 3.21-22; Hab 2.4 Ɛfiri sɛ emu na wɔyi Nyankopɔn tenenee adi firi gyidie mu kɔ gyidie mu, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Deɛ ɔtene firi gyidie mu no bɛnya nkwa.
Adasamma afobuo
18Na wɔda Nyankopɔn abufuo adi firi soro de tia nnipa a wɔnsuro Nyankopɔn na wɔde nneyɛɛ a ɛntene nam amumuyɛ so si nokorɛ no kwan. 19#Aso 14.15-17; 17.24-28 Ɛfiri sɛ Nyankopɔn ho adeɛ a wɔnim no da adi pefee wɔ wɔn mu, na Onyankopɔn na wayi akyerɛ wɔn. 20#Dwom 19.1; Heb 11.3 Na Nyankopɔn ho adeɛ a wɔnhunu, ɛfiri berɛ a wɔbɔɔ wiase no, ɔnam nnoɔma a wɔayɛ no dada no so ada no adi pefee ama wɔde adwene hunu mu, mekyerɛ ne daa tumi ne ne nyamesu; ɛno nti wɔnni anoyie biara; 21#Efe 4.18 ɛfiri sɛ wɔnim Onyankopɔn deɛ, nanso wɔanhyɛ no animuonyam sɛ Onyankopɔn, na wɔanna no ase, na mmom wɔn adwene yɛ nkwasea adwene na sum ahyɛ wɔn akoma a nteaseɛ nni mu no ma. 22#Yer 10.14; 1 Ko 1.20 Wɔse wɔyɛ anyansafoɔ no, wɔdanee nkwasea, 23#Deut 4.15-19 na wɔsakyeraa Onyankopɔn a ɔmporɔ no animuonyam yɛɛ onipa a ɔporɔ honi nsɛsoɔ, ɛne nnomaa ne ntɔteboa ne mmoa a wɔwea deɛ.
24 # Aso 14.16 Enti Onyankopɔn nso gyaa wɔn maa efideɛ, wɔn akoma akɔnnɔ mu, sɛ wɔngu wɔn nipadua ho fi wɔ wɔn mu; 25ɛfiri sɛ wɔsesaa Nyankopɔn nokorɛ no gyee atorɔ, na wɔsɔree somm abɔdeɛ sene Ɔbɔadeɛ a wɔhyira no daa no. Amen. 26Yei nti Onyankopɔn gyaa wɔn maa aniwuo akɔnnɔ. Na wɔn mmaa de honam fam ayɔnkofa yɛbea a ɛyɛ ne kwan soɔ no sesaa deɛ ɛmfa ne kwan soɔ; 27saa ara nso na mmarima gyaa wɔne ɔbaa nkitahodie yɛbea a ɛyɛ ne kwan soɔ no maa wɔn mfɛfoɔ mmarima ho akɔnnɔ dɛree wɔn mu, na mmarima ne mmarima yɛɛ adapaadeɛ, na wɔde nyaa akatua a ɛsɛ wɔn nnaadaa, wɔn ara mu.
28Na sɛdeɛ wɔammu sɛ wɔbɛkura Onyankopɔn wɔn nimdeɛ mu nti, Onyankopɔn yii wɔn maa adwene a ɛmfra, sɛ wɔnyɛ deɛ ɛmfata, 29sɛ nnipa a adeɛ a ɛntene nyinaa, amumuyɛ, anibereɛ, nnebɔne ayɛ wɔn ma. Nitan, awudie, akasakasa, nsisie, ɔbra bɔne ahyɛ wɔn ma. Wɔyɛ asutufoɔ, 30nsekubɔfoɔ, Onyankopɔn atamfoɔ, anoɔdenfoɔ, ahantanfoɔ, ahohoahoafoɔ, nnebɔne farebaefoɔ, awofoɔ asɛm ho asoɔdenfoɔ, 31wɔnni ti, apamsɛefoɔ, wɔnni tema, wɔnni mmɔborɔhunu. 32Na wɔnim Nyankopɔn ahyɛdeɛ yie sɛ owuo na ɛsɛ wɔn a wɔyɛ saa nnoɔma yi deɛ, nanso ɛnyɛ yɛ nko ara na wɔyɛ, na mmom wɔpene wɔn a wɔyɛ saa adeɛ no bi no so.

Currently Selected:

Romafoɔ 1: ASW

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in