Romafoɔ 6
6
Kristo mu ayɔnkofa kum bɔne
1 #
Rom 3.5-8
Enti afei yɛbɛka sɛn? Yɛntena bɔne mu na adom no nnɔɔso anaa? 2Dabi da, yɛn a yɛwu maa bɔne no, ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛkɔ so atena ase wɔ mu? 3#Gal 3.27 Anaasɛ monnim sɛ, yɛn mu dodoɔ a wɔbɔɔ yɛn asu kɔɔ Kristo Yesu mu no, wɔbɔɔ yɛn asu kɔɔ ne wuo mu anaa? 4#1 Pe 3.21; Kol 2.12 Enti wɔnam owuo mu asubɔ so asie yɛne no sɛ, sɛdeɛ wɔnam Agya no animuonyam so nyanee Kristo firii awufoɔ mu no, saa ara na yɛn nso yɛnnante nkwa foforɔ mu. 5#Flp 3.10-11 Na sɛ wɔatɛ yɛn ne no wɔ ne wuo mu a, ɛnneɛ yɛnam ne wusɔreɛ no so ne no bɛbom afifiri. 6#Gal 5.24 Na yɛnim yei sɛ wɔabɔ yɛn nipa dada ne no asɛnnua mu, sɛ bɔne no nipadua nwu, na yɛansom bɔne bio; 7ɛfiri sɛ deɛ wawuo no, wɔabu no bem afiri bɔne ho. 8#Rom 6.4 Na sɛ yɛne Kristo awu a, yɛgye di sɛ yɛne no bɛtena ase nso, 9na yɛnim sɛ Kristo a wɔnyanee no firii awufoɔ mu no renwu bio; na owuo renni ne so bio. 10#Heb 9.26-28 Na deɛ ɔwuiɛ no, ɔwu maa bɔne prɛko, na deɛ ɔte aseɛ no, ɔte ase ma Onyankopɔn. 11#2 Ko 5.15; 1 Pe 2.24 Saa ara na mo nso mommu mo ho sɛ moawu ama bɔne, na mote ase ma Onyankopɔn wɔ Kristo Yesu mu.
12 #
Gye 4.7
Enti mommma bɔne nnni mo nipadua a ɛbɛwuo no so hene, sɛ mobɛtie no n’akɔnnɔ mu; 13#Rom 12.1 nso mommfa mo honam akwaa mmma bɔne sɛ amumuyɛ akodeɛ, na mmom momfa mo ho mma Onyankopɔn sɛ wɔn a wɔfiri awufoɔ mu te aseɛ, na momfa mo honam akwaa mma Onyankopɔn sɛ tenenee akodeɛ. 14#1 Yoh 3.6 Na bɔne renni mo so, ɛfiri sɛ monni mmara ase, na mmom mowɔ adom ase.
Tenenee ho nkoa
15 #
Rom 5.17; 5.21 Ɛnneɛ na ɛdeɛn? Yɛnyɛ bɔne, ɛfiri sɛ yɛnni mmara ase, na mmom adom ase anaa? Dabi da. 16#Yoh 8.34 Monnim sɛ, deɛ mode mo ho ma no sɛ nkoa na motie no no, sɛ bɔne a ɛde kɔ owuo mu deɛ oo, asoɔmmerɛ a ɛde kɔ tenenee mu deɛ oo, ɔno a motie no no ara na ne nkoa ne mo anaa? 17Na aseda nka Onyankopɔn, sɛ moayɛ bɔne nkoa pɛn, na afei mofiri akoma mu abrɛ mo aso ase ama nkyerɛkyerɛ sononko a wɔde mo ahyɛ mu no. 18#Yoh 8.32 Na moade mo ho wɔ bɔne ho yi, moabɛyɛ tenenee nkoa. 19Mo honam mmerɛ nti na merekasa makyerɛ mo wɔ nnipa famu. Na sɛdeɛ mode mo honam akwaa maeɛ, de somm efi ne mmaratodeɛ de kɔɔ mmaratodeɛ mu no, saa ara na afei momfa mo honam mma mfa nsom tenenee nkɔ ahoteɛ mu. 20Na berɛ a na moyɛ bɔne nkoa no, na moatwe mo ho afiri tenenee ho. 21#Hes 16.61; 16.63; Rom 8.6; 8.13 Na aba bɛn na saa berɛ no monya firii nnoɔma a afei deɛ, mo ani wu ho no mu? Saa nnoɔma no awieeɛ ne owuo. 22#1 Pe 1.9 Na afei wɔayi mo afiri bɔne mu na mosom Onyankopɔn yi, mowɔ aba a ɛde kɔ ahoteɛ mu na n’awieeɛ ne daa nkwa. 23#Rom 5.12 Na bɔne akatua ne owuo; na Nyankopɔn adom akyɛdeɛ ne daa nkwa, yɛn Awurade Kristo Yesu mu.
Currently Selected:
Romafoɔ 6: ASW
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012