YouVersion Logo
Search Icon

Romafoɔ 7

7
Owuo gye yɛn firi mmara ase
1Anaasɛ, anuanom, monnim, na merekasa mekyerɛ wɔn a wɔnim mmara no, sɛ mmara di onipa so ne nkwa nna nyinaa anaa? 2Na ɔbaa a ɔhyɛ ne kunu aseɛ deɛ, wɔde mmara akyekyere no asa ne kunu, berɛ a ɔte aseɛ no; na sɛ ne kunu no wu a, wɔasane no afiri okunu no mmara no ho. 3Enti ne kunu no da so te aseɛ no, sɛ ɔde ne ho kɔbɔ ɔbarima bi ho a, wɔbɛfrɛ no ɔwaresɛefoɔ; na sɛ ne kunu no wu a, na wayi ne ho afiri mmara no ho, na sɛ ɔkɔware ɔbarima foforɔ a, na ɔnyɛ ɔwaresɛefoɔ.
4 # Kol 2.14 Saa nti, me nuanom, mo nso, wɔnam Kristo nipadua so akum mo ama mmara no, sɛ monkɔyɛ ɔfoforɔ a ɔno ne deɛ wɔanyane no afiri awufoɔ mu no deɛ, na yɛaso aba ama Onyankopɔn. 5#Rom 7.7-25; 6.21 Na yɛwɔ ɔhonam mu no, nnebɔne nhyɛsodeɛ nam mmara no so yɛɛ adwuma wɔ yɛn honam akwaa mu, sɛ yɛnso aba mma owuo. 6#Rom 8.1-2; 6.2; 6.4 Na afei deɛ, ɛnam sɛ yɛawu ama deɛ ɛkyekyeree yɛn no nti, wɔasane yɛn afiri mmara no ho ma yɛsom honhom foforɔyɛ mu, na ɛnyɛ atwerɛ dadayɛ mu.
Mmara ne bɔne
7 # Eks 20.17 Enti afei yɛbɛka sɛn? Mmara no yɛ bɔne anaa? Dabi da, na mmom sɛ ɛnyɛ mmara no nti a, anka mennim bɔne, na sɛ mmara anka sɛ: Mma w’ani mmmere ade a, anka mennim akɔnnɔ. 8#Rom 7.11; 5.13 Na bɔne no nam mmara asɛm no so nyaa kwan yɛɛ akɔnnɔ nyinaa wɔ me mu; na sɛ mmara nni hɔ a, na bɔne nso awu. 9Na me deɛ, makwati mmara no matena ase pɛn; nanso mmara asɛm no baeɛ no, bɔne nyanee bio; 10#Yak 1.15; Lew 18.5 na me deɛ, mewui, na saa mmara korɔ no ara a ɛhyɛɛ me nkwa ho bɔ no, ɛno ara nso abɛyɛ owuo ama me. 11#Heb 3.13 Na bɔne no nam mmara asɛm no so nyaa kwan daadaa me, na ɛnam so kumm me. 12#1 Ti 1.8 Enti mmara no yɛ kronkron, na mmara asɛm no yɛ kronkron ne tenenee ne papa. 13#Rom 5.20 Ɛnneɛ na deɛ ɛyɛ papa no adane owuo ama me anaa? Dabi da, na ɛyɛ bɔne no mmom, na ada adi sɛ bɔne a ɛnam deɛ ɛyɛ papa no so mpo de owuo aba me soɔ, na bɔne no nam mmara asɛm no so ayɛ bɔne atra so.
Nnipa su ahodoɔ mmienu
14 # Rom 7.18; Yoh 3.6 Na yɛnim sɛ mmara no yɛ honhom mu adeɛ, na me deɛ, meyɛ ɔhonam muni a wɔatɔn me ahyɛ bɔne aseɛ. 15Na deɛ meyɛ no, menhunu; ɛfiri sɛ ɛnyɛ deɛ mepɛ na meyɛ, na mmom deɛ mekyire no, ɛno na meyɛ. 16#Rom 7.12 Na sɛ deɛ mempɛ no na meyɛ a, ɛnneɛ na mepene so sɛ mmara no yɛ.
17Ɛnneɛ na afei ɛnyɛ me na meyɛ bio, na mmom ɛyɛ bɔne a ɛte me mu no a. 18#Gye 6.5; 8.21 Na menim sɛ papa biara nte me mu, mekyerɛ me nipasu mu, ɛfiri sɛ papa ho pɛ deɛ, ɛwɔ me mu, na mmom sɛdeɛ mɛyɛ no deɛ, mentumi. 19Na papa a mepɛ no, menyɛ, na mmom bɔne a mempɛ no, ɛno na meyɛ. 20Na sɛ deɛ mempɛ no meyɛ a, ɛnneɛ ɛnyɛ me na meyɛ bio, na mmom ɛyɛ bɔne a ɛte me mu no a. 21Ɛnneɛ mehunu mmara yi sɛ, me a mepɛ sɛ meyɛ deɛ ɛyɛ no, bɔne wɔ me mu. 22Na me mu-nipa fam deɛ, m’ani gye Nyankopɔn mmara ho; 23#Gal 5.17 nanso mehunu mmara foforɔ bi wɔ me honam akwaa mu a ɛne m’adwene mu mmara ko na ɛfa me dommum ma bɔne mmara a ɛwɔ me honam akwaa mu no.
24Me manehunufoɔ! Hwan na ɔbɛyi me afiri saa owuo nipadua yi mu? 25#1 Ko 15.57 Na afei aseda mfa yɛn Awurade Yesu Kristo so nka Onyankopɔn! Ɛnneɛ afei me ara mede m’adwene mesom Nyankopɔn mmara, na ɔhonam deɛ, mede mesom bɔne mmara.

Currently Selected:

Romafoɔ 7: ASW

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in