1
Romafoɔ 6:23
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Na bɔne akatua ne owuo; na Nyankopɔn adom akyɛdeɛ ne daa nkwa, yɛn Awurade Kristo Yesu mu.
Compare
Explore Romafoɔ 6:23
2
Romafoɔ 6:14
Na bɔne renni mo so, ɛfiri sɛ monni mmara ase, na mmom mowɔ adom ase.
Explore Romafoɔ 6:14
3
Romafoɔ 6:4
Enti wɔnam owuo mu asubɔ so asie yɛne no sɛ, sɛdeɛ wɔnam Agya no animuonyam so nyanee Kristo firii awufoɔ mu no, saa ara na yɛn nso yɛnnante nkwa foforɔ mu.
Explore Romafoɔ 6:4
4
Romafoɔ 6:13
nso mommfa mo honam akwaa mmma bɔne sɛ amumuyɛ akodeɛ, na mmom momfa mo ho mma Onyankopɔn sɛ wɔn a wɔfiri awufoɔ mu te aseɛ, na momfa mo honam akwaa mma Onyankopɔn sɛ tenenee akodeɛ.
Explore Romafoɔ 6:13
5
Romafoɔ 6:6
Na yɛnim yei sɛ wɔabɔ yɛn nipa dada ne no asɛnnua mu, sɛ bɔne no nipadua nwu, na yɛansom bɔne bio
Explore Romafoɔ 6:6
6
Romafoɔ 6:11
Saa ara na mo nso mommu mo ho sɛ moawu ama bɔne, na mote ase ma Onyankopɔn wɔ Kristo Yesu mu.
Explore Romafoɔ 6:11
7
Romafoɔ 6:1-2
Enti afei yɛbɛka sɛn? Yɛntena bɔne mu na adom no nnɔɔso anaa? Dabi da, yɛn a yɛwu maa bɔne no, ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛkɔ so atena ase wɔ mu?
Explore Romafoɔ 6:1-2
8
Romafoɔ 6:16
Monnim sɛ, deɛ mode mo ho ma no sɛ nkoa na motie no no, sɛ bɔne a ɛde kɔ owuo mu deɛ oo, asoɔmmerɛ a ɛde kɔ tenenee mu deɛ oo, ɔno a motie no no ara na ne nkoa ne mo anaa?
Explore Romafoɔ 6:16
9
Romafoɔ 6:17-18
Na aseda nka Onyankopɔn, sɛ moayɛ bɔne nkoa pɛn, na afei mofiri akoma mu abrɛ mo aso ase ama nkyerɛkyerɛ sononko a wɔde mo ahyɛ mu no. Na moade mo ho wɔ bɔne ho yi, moabɛyɛ tenenee nkoa.
Explore Romafoɔ 6:17-18
Home
Bible
Plans
Videos