Nnwom 80
80
Israel foforɔyɛ
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Sonannim Edut” sankuo nne so. Asaf adansedie. Dwom.
1 #
Dwom 45.1; 1 Sa 4.4; Dwom 99.1 Israel dwanhwɛfoɔ, yɛ aso,
wo a woka Yosef sɛ nnwankuo,
wo a wote Kerubim soɔ, pue hran.
2Efraim ne Benyamin ne Manase anim
na ma wo homene soɔ,
na bra bɛgye yɛn.
3 #
Dwom 80.7; 19 Onyankopɔn, ma yɛnsane mmra,
na ma w’anim nhyerɛn na yɛanya nkwa.
4AWURADE, asafo Nyankopɔn, wo bo bɛfu
atia wo man mpaebɔ akɔsi da bɛn?
5 #
Dwom 102.9
Wode nisuo yɛɛ aduane maa wɔdii,
na wode nisuo maa wɔnomee.
6Wode yɛn yɛɛ ntɔkwa maa wɔn a wɔtete yɛn ho,
na yɛn atamfoɔ sereseree wɔ wɔn mu.
7 #
Dwom 80.3, 19 Asafo Nyankopɔn, ma yɛnsane mmra,
na ma w’anim nhyerɛn na yɛanya nkwa.
8 #
Yes 5.1-7; Hos 10.1 Wotuu obobe firii Misraim bae,
wotutuu amanaman na wobɛtɛe.
9Woyii n’anim kwan, na ɛgyee nhini,
na ɛyɛɛ asase ma.
10Ne nwunu kataa mmepɔ so,
na ne nhoma kataa Nyankopɔn tweneduro so.
11Ɛbaebaee ne mman mu kɔduruu ɛpo ho,
na n’abasa frɔmfrɔm kɔɔ asubɔnten no ho.
12 #
Dwom 89.40
Adɛn nti na woabubu ne ban,
ma wɔn a wɔnam kwan soɔ nyinaa tete no yi?
13Kwaeɛm kɔkɔte sɛe no,
na petee mu mmoa we.
14Asafo Nyankopɔn, sane w’akyiri ɛ!
Brɛ w’ani ase firi soro hwɛ,
na bɛhwɛ obobe yi,
15na bɛwowa deɛ wo nifa tɛeɛ no,
ne ɔba a woafa no ayɛ wo deɛ no pintinn.
16Wɔde ogya ahye no, wɔatwitwa no,
w’anim ateatea nti wɔresɛe.
17Fa wo nsa kata wo nifa nipa no so,
onipa ba a woafa no ayɛ wo deɛ pintinn no so,
18na yɛrentwe mfiri wo nkyɛn.
Ma yɛnnya nkwa, na yɛmmɔ wo din.
19 #
Dwom 80.3, 7 AWURADE, asafo Nyankopɔn, ma yɛnsane mmra,
ma w’anim nhyerɛn na yɛanya nkwa.
Currently Selected:
Nnwom 80: ASW
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012