YouVersion Logo
Search Icon

Nnwom 81

81
Nokorɛ afahyɛ
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no Gatfoɔ sankuo nne so. Asaf deɛ.
1Mommɔ ose mma Onyankopɔn, yɛn ahoɔden,
monhuro mma Yakob Nyankopɔn.
2Monto dwom na monyan mpintin,
mommɔ sanku dɛdɛ ne bɛnta.
3 # Lew 23.24, 34 Monhyɛne totorobɛnto ɔsrane foforɔ so,
ɔsrane korokumatwa mu, mma yɛn afahyɛ da.
4Na ɛne sɛnnahɔ ma Israel,
atorɔmudeɛ ma Yakob Nyankopɔn.
5Ɔde adi adanseɛ, Yosef mu,
ɛberɛ a ɔfirii adi faa Misraim asase soɔ,
metee obi a menni no kasa.
6Meyii ne mmatiri firii adesoa ase,
ne ne nsa firii kɛntɛn ho;
7 # Eks 17.7; Num 20.13 wofrɛɛ ahohia mu, na meyii wo wɔ mu,
mefiri aprannaa mu megyee wo so.
Mesɔɔ wo mehwɛɛ Meriba asuo ho.
8Me man, tie, na menni wo adanseɛ,
O Israel, sɛ wobɛtie me a!
9 # Eks 20.2-3 Mma onyame nanani bi nntena wo mu,
na nsɔre onyame nanani biara.
10Me ara mene AWURADE wo Nyankopɔn
a meyii wo Misraim asase so mebaeɛ no,
trɛ wo anomu tɛtrɛɛ na menhyɛ no ma.
11Nanso me man antie me nne,
na Israel ampene me.
12 # Aso 14.16 Na megyaa wɔn wɔn akoma denyɛ mu,
maa wɔnantee wɔn ara tirim agyina a wɔtuiɛ mu.
13Ao, sɛ me man tie me ɛ,
sɛ Israel nante m’akwan so ɛ!
14Anka ɛrenkyɛ na mabrɛ wɔn atamfoɔ ase,
na madane me nsa matia wɔn ahohiahiafoɔ.
15Anka AWURADE atamfoɔ bɛbrɛ wɔn ho ase ama no,
na wɔn berɛ akyɛre akɔsi daa.
16 # Deut 32.13 Na ɔde ayuo mu ayuo pa bɛyɛne wɔn,
na mede abotan mu woɔ bɛma woamee.

Currently Selected:

Nnwom 81: ASW

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in

Video for Nnwom 81