Nnwom 79
79
AWURADE gye wo man
Asaf dwom.
1Onyankopɔn, amanaman aba w’agyapadeɛ mu,
wɔagu w’asɔrefie kronkron ho fi,
wɔama Yerusalem ayɛ agoago.
2Wɔde wo nkoa amu
ama ewiem nnomaa adi,
wɔde w’ahotefoɔ nam ama asase so mmoa.
3Wɔahwie wɔn mogya agu sɛ nsuo
de atwa Yerusalem ho ahyia,
na deɛ ɔsie wɔn nni hɔ.
4 #
Dwom 44.13
Yɛayɛ ahohora ama wɔn a wɔtete yɛn ho,
fɛdie ne ahiyie ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia.
5 #
Dwom 80.4
Ɛnkɔsi da bɛn, AWURADE, na wo bo bɛfu daa,
na wo ninkuntwe adɛre sɛ ogya?
6 #
Yer 10.25
Hwie w’abufuo gu amanaman
a wɔnni woɔ
ne ahennie
a wɔmmɔ wo din no so,
7na wɔamene Yakob,
na wɔahye ne tenabea ase.
8Nkae akanefoɔ amumuyɛ mfa ngu yɛn so,
yɛ ntɛm ma w’ayamhyehyeɛ mmɛhyia yɛn,
na wɔabrɛ yɛn ase fɔmm.
9Di boa yɛn, yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn,
wo din animuonyam nti na yi yɛn,
na wo din nti kata yɛn bɔne so.
10 #
Dwom 42.3; 115.2; Yoel 2.17 Adɛn nti na amanaman nka sɛ:
Wɔn Nyankopɔn wɔ he?
Ma wɔnhunu amanaman mu, yɛn anim,
sɛ wotɔ wo nkoa mogya a wɔka guiɛ no so were.
11 #
Dwom 102.20
Ma ɔpokyerɛni apinisie nnuru w’anim,
sɛ wo nsa kɛseyɛ teɛ no, kora owuo mma.
12 #
Dwom 137.7
Na ahohora a wɔn a wɔtete yɛn ho de abɔ wo, AWURADE, no,
dane no mprɛnson gu wɔn kokom.
13Na yɛn a yɛyɛ wo man ne w’adidibea nnwan no,
yɛbɛda wo ase daa,
yɛbɛka w’ayeyie akyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa.
Currently Selected:
Nnwom 79: ASW
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012