Nnwom 78
78
Israel poÉ” ne Yuda yie
Asaf nnweneho dwom.
1Me man, monyɛ aso mma me nkyerɛkyerɛ,
monwɛn mo aso mma m’anomu nsɛm.
2 #
Dwom 49.3-4; Mat 13.35 Mɛbue m’ano mmebuo mu,
mɛyi atetesɛm adi sɛ akasabebuo.
3 #
Eks 13.14; Deut 4.9-10 Deɛ yɛateɛ na wɔama yɛahunu
na yɛn agyanom aka akyerɛ yɛn no,
4yɛremfa nhunta wɔn mma,
yɛreka nkyirimma AWURADE ayeyisɛm,
ne ne tumidie, ne n’anwanwadeɛ a wayɛ no.
5Ɔde adanseɛ tintim Yakob mu,
na ɔhyɛɛ mmara Israel mu,
ɛno na ɔde hyɛɛ yɛn agyanom
sɛ wɔmma wɔn mma nhunu,
6na nkyirimma,
mma a wɔbɛwo wɔn no, ahunu,
na wɔsi so a, wɔaka akyerɛ wɔn mma,
7sɛ wɔmfa wɔn ani nto Nyankopɔn so,
na wɔn werɛ mmfiri Nyankopɔn nneyɛɛ,
na wɔnni ne mmara nsɛm so.
8 #
Deut 32.5-6
Na wɔanyɛ sɛ wɔn agyanom,
mma asoɔdenfoɔ ne atuatefoɔ,
mma a wɔmfa wɔn akoma nsi tee,
na wɔn honhom nni Nyankopɔn nokorɛ.
9Efraim mmabanin, taduakurafoɔ, bɛmmatofoɔ,
wɔdane wɔn ani ɔko da.
10Wɔanni Nyankopɔn apam so,
na ne mmara nso, wɔampɛ sɛ wɔnante mu.
11Na wɔn werɛ firii ne nneyɛɛ
ne n’anwanwadeɛ a ɔde kyerɛɛ wɔn no.
12 #
Yes 19.11
Ɔyɛɛ anwanwadeɛ wɔn agyanom anim,
Misraim asase so, Soan petee mu.
13 #
Eks 14.21-22
Ɔpaee ɛpo mu de wɔn twaa mu,
na ɔmaa nsuo gyinaa sɛ ekuo.
14 #
Eks 13.21
Ɔde mununkum gyaa wɔn awia,
na anadwo nyinaa ɔde ogya kanea nso gyaa wɔn.
15 #
Eks 17.6; Num 20.7-11 Ɔpaee abotan mu ɛserɛ so,
na ɔmaa wɔnom sɛ asukɛseɛ.
16Ɔmaa nsubɔntene firii ɔbotan mu bae,
na ɔmaa nsuo senee sɛ asutene.
17Nanso wɔkɔɔ so ara yɛɛ no bɔne,
tee ɔsorosoroni no anim atua anwea pradada so.
18 #
Eks 16.3; Num 11.4 Na wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe wɔn akoma mu,
bisaa no aduane sɛdeɛ wɔn kɔn dɔeɛ,
19na wɔkasa tiaa Onyankopɔn sɛ:
Onyankopɔn bɛtumi ato pono ɛserɛ so anaa?
20Hwɛ, ɔbɔɔ ɔbotan ma nsuo tui,
na asubɔnten senee;
paanoo nso, ɔbɛtumi ama,
na wapÉ› nam ama ne man anaa?
21 #
Num 11.1
Enti AWURADE teeÉ› no, ne bo fui,
na ogya sɔɔ Yakob mu,
na abufuo nso sɔre tiaa Israel,
22ɛfiri sɛ wɔannye Onyankopɔn anni,
na wɔamfa wɔn ho anto ne nkwagyeɛ so.
23Nanso ɔhyɛɛ ewiem tɔnn ɔsoro,
na ɔhinii ɔsoro apono,
24 #
Eks 16.4, 14-15 na ɔtɔɔ mana guu wɔn so sɛ wɔnni,
na ɔde ɔsoro aduane maa wɔn.
25AtumfoÉ” aduane na onipa diiÉ›,
ɔmaa wɔn aduane di mee.
26Ɔmaa apueeɛ mframa bɔe ɔsoro,
na ɔde ne tumi twee anafoɔ mframa bae,
27na ɔtɔɔ nam guu wɔn so sɛ mfuturo,
ne ntakraboa sÉ› mpoano anwea.
28Na ɔmaa wɔtotɔɔ wɔn nsraban mu
de twaa wɔn tenabea ho hyiae.
29Na wɔdi mee boroo so,
ɛfiri sɛ ɔmaa wɔn wɔn akɔnnɔdeɛ.
30Wɔnnya nnyaee wɔn akɔnnɔ no,
wɔn aduane da so wɔ wɔn anomu no,
31 #
Num 11.33
Nyankopɔn abufuo sɔre tiaa wɔn,
na ɔkunkumm wɔn mu abrane no mu bi,
na ɔde Israel mmeranteɛ hwehwee fam.
32Yei nyinaa mu na wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne,
na wɔannye n’anwanwadeɛ no anni.
33 #
Num 14.23
Enti ɔmaa wɔn nna yeraa sɛ ahuro,
ne wɔn mfeɛ ehu mu.
34Ɔreku wɔn no, na wɔhwehwɛɛ no,
na wɔsane bɛpɛɛ Nyankopɔn akyiri kwan ntɛm,
35na wɔkaee sɛ Onyankopɔn ne wɔn botan,
na ɔsorosoro Nyankopɔn ne wɔn gyefoɔ.
36Wɔde wɔn ano dɛfɛdɛfɛɛ no,
na wɔde wɔn tɛkyerɛma dii atorɔ kyerɛɛ no,
37na wɔn akoma deɛ, ɛntim ne ho,
na wɔanni n’apam mu nokorɛ.
38Na ɔno deɛ, ɔyɛ ntimmɔborɔ nti,
ɔkataa wɔn amumuyɛ so,
na wansɛe nnipa;
na ɔtaa sianka n’abufuo,
na wanhwanyan n’awerɛhoɔ nyinaa.
39 #
Dwom 103.14-16
Na ɔkaee sɛ wɔyɛ ɔhonam,
mframa a ɛkorɔ na ɛnsane n’akyiri bio.
40 #
Num 14.22
Mprɛ ahe ara na wɔante n’anim atua ɛserɛ soɔ,
na wɔanho ne werɛ anwea pradada soɔ!
41Na wɔsane sɔɔ Onyankopɔn hwɛe,
na wɔyii Israel Kronkronni no ahi.
42Wɔankae ne tumi,
da a ɔyii wɔn firii ɔhohiahiafoɔ nsam,
43 #
Dwom 78.12
na ɔyɛɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ Misraim
ne n’anwanwadeɛ, Soan petee mu no.
44 #
Eks 7.19-20
Ɔdanee wɔn nsubɔntene mogya,
na wɔantumi annom wɔn nsuwansuwa.
45 #
Eks 8.6, 24 Ɔsomaa ahuriiɛ bɛguu wɔn so maa wɔbɛwee wɔn,
ne mponkyerɛne maa wɔbɛsɛee wɔn.
46 #
Eks 10.13
Ɔde wɔn nnɔbaeɛ maa mmɛbɛ,
na ɔde wɔn adwumadeɛ maa ntutummɛ.
47 #
Eks 9.25
Ɔde asukɔtweaa sɛee wɔn bobe,
na ɔde nsukyenkyeneeɛ bɔɔ wɔn akyee nnua,
48na ɔyii wɔn afieboa maa asukɔtweaa,
ne wɔn mmoakuo maa asraman.
49Ɔtoo n’abufuo hyehyeɛ no guu wɔn so,
anibereÉ›, ahi ne ahohia,
abɔfoɔ bɔne a ɔsomaa wɔn baa wɔn soɔ no.
50 #
Eks 9.15
Ɔbɔɔ kwan maa n’abufuo,
wankora wɔn kra amfiri owuo mu,
na ɔyii wɔn nkwa maa owuyadeɛ.
51 #
Eks 12.29
Na ɔkumm Misraim mmakan nyinaa,
wɔn ahoɔden asefire, Ham ntomadan mu.
52 #
Dwom 77.20
Na ɔgyaa ne man sɛ nnwan,
na ɔkaa wɔn sɛ mmoakuo, ɛserɛ so,
53 #
Eks 14.19, 22, 27 na ɔgyaa wɔn dwoodwoo kɔe na wɔansuro,
na wɔn atamfoɔ deɛ, ɛpo no kataa wɔn so.
54 #
Eks 15.17
Na ɔde wɔn baa ne kronkronbea hyeɛ so,
bepÉ” a ne nsa nifa gyeeÉ› no so.
55Ɔpampamm amanaman, wɔn anim,
na ɔtwee wɔn awunnyadeɛ so ntonto kyɛɛ no homa so,
na ɔmaa Israel mmusuakuo tenatenaa wɔn ntomadan mu.
56Nanso wɔsɔɔ ɔsorosoro Nyankopɔn hwɛe tee no atua,
na n’adansesɛm no, wɔanni so.
57 #
Hos 7.16
Na wɔwae twaa nkontompo sɛ wɔn agyanom,
wɔmanee sɛ tadua daadaafoɔ.
58 #
Deut 32.21
Wɔde wɔn sorɔnsorɔmmea huruu ne bo,
na wɔde wɔn ahoni maa no twee ninkunu.
59Onyankopɔn tee, na ne bo fui,
na Israel ho yɛɛ no nwunu koraa.
60 #
1 Sa 1.3; 4.11 Na ɔgyaa Silo tenabea no,
ntomadan a ɔsii nnipa mu no.
61Ɔde n’ahoɔden hyɛɛ nnommumfa mu,
na ɔde n’animuonyam hyɛɛ ɔtamfoɔ nsa.
62Ɔgyaa ne man maa nkrantɛ,
na ne bo fuu n’agyapadeɛ.
63Ogya hyee wɔn mmeranteɛ,
na wɔn mmabaa nso, wɔanto wɔn ayeforɔ dwom.
64 #
1 Sa 4.17, 20 Wɔn asɔfoɔ totɔɔ nkrantɛ ano,
na wɔn akunafoɔ annya asuyɛ.
65Na AWURADE nyanee sɛ obi a ɔfiri nna mu,
sɛ ɔkatakyie a nsa ma no huro,
66na ɔbobɔɔ n’atamfo maa wɔsanee wɔn akyi,
ɔbɔɔ wɔn daa adapaa.
67 #
Dwom 78.9
Nso wampÉ› Yosef ntomadan no,
na Efraim abusuakuo no, wamfa;
68 #
2 Be 6.6
na mmom ɔfaa Yuda abusuakuo,
Sion bepÉ” a wadÉ” no no.
69Na ɔsii ne kronkronbea sɛ ɔsoro
sɛ asase a ɔde atim hɔ daa no.
70 #
1 Sa 16.11-12
Na ɔyii n’akoa Dawid,
na ɔfaa no firii nnwammuo mu.
71 #
2 Sa 7.8
Ɔmaa no firii nnwammereɛ a wɔma nufoɔ akyiridie bae,
sɛ ɔmmɛyɛne ne man Yakob
ne n’agyapadeɛ Israel.
72Na ɔyɛnee wɔn akoma mudie so,
na ɔde ne nsam nimdeɛ kyerɛɛ wɔn kwan.
Currently Selected:
Nnwom 78: ASW
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012