Nnwom 77
77
Mmerɛ a atwam ne nnɛ
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ Yedutun. Asaf dwom.
1 #
Dwom 62.1
Mɛma me nne so makyerɛ Onyankopɔn,
na masu mafrɛ no;
mɛma me nne so makyerɛ Onyankopɔn,
na ɔbɛyɛ aso ama me.
2M’ahohia da mu na mehwehwɛɛ AWURADE,
me nsam atene anadwo nyinaa,
na ɛmpa aba, me kra po awerɛkyekyerɛ.
3Mekae Onyankopɔn a, mesi apini,
medwene a, me honhom tɔ piti.
4Wokura m’anisuatɛtɛ mu,
ɛpempem me, na mentumi menkasa.
5 #
Dwom 143.5
Medwene tete nna no,
tete mmerɛ no mu mfeɛ.
6Mekae m’anadwo dwom, medwene m’akomam,
na me honhom hwehwɛm pɛsɛpɛsɛ.
7 #
Dwom 85.5
AWURADE bɛto atwene daa,
na ɔrennom bi bio anaa?
8N’adɔeɛ awie mutwa koraa anaa?
N’asɛm a ɔkaeɛ no asa ama awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa anaa?
9Onyankopɔn werɛ afiri adom,
anaasɛ ɔde abufuo atwe ne mmɔborɔhunu ato ne yam?
10Ɛnna mese: Me dadwene a ɛda me soɔ ne sɛ,
ɔsorosoroni no nifa asakyera.
11Mɛkae AWURADE nneyɛɛ maka,
aane, mɛkae wo tete anwanwadeɛ,
12na masusu w’adwuma nyinaa ho,
na madwene wo nneyɛɛ ho.
13 #
Eks 15.11
Onyankopɔn, wo kwan wɔ kronkronyɛ mu,
hwan na ɔyɛ nyame kɛseɛ sɛ Onyankopɔn?
14Wone Onyankopɔn a woyɛ anwanwadeɛ,
woama wɔahunu wo tumi, aman mu.
15Wode wo nsa na agye wo man,
Yakob ne Yosef mma no.
16Asuasu hunuu wo, Onyankopɔn,
asuasu hunuu wo, na wɔbɔɔ binim,
abunu nso wosowosoe.
17Amununkum tɔɔ osuo bibibibi,
ewiem tɔnn gyegyee,
w’agyan nso pepaa anyinam,
18w’aprannaa boboom, ahum a ɛdi kyinhyia mu.
Anyinam hyerɛn wiase,
asase popoe na ɛwosoe.
19Wo kwan faa ɛpo mu,
na wo tempɔn nsuo pii mu,
na wɔanhunu w’anammɔn.
20 #
Eks 12.37; 14.22 Wonam Mose ne Aaron nsa so
bɛgyaa wo man sɛ nnwankuo.
Currently Selected:
Nnwom 77: ASW
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012