YouVersion Logo
Search Icon

Nnwom 76

76
Nkonimdie ne Nyankopɔn ayeyie dwom
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔmfa asankuo nto. Asaf dwom.
1Yuda mu na wɔahunu Onyankopɔn,
ne din so Israel mu.
2 # Dwom 132.13 Ne sese si Salem,
na ne tenabea wɔ Sion.
3 # Dwom 46.9 Ɛhɔ na ɔbubuu tadua mu mmɛmma,
ɔkyɛm ne nkrantɛ ne ɔsa.
4W’anim yɛ nyam,
na ɛhran sene asadeɛ mmepɔ no.
5Wɔasɛe abrane akokoɔdurufoɔ no,
wɔatɔ nko da wɔn nna,
na ahoɔdenfoɔ no mu biara anhunu ne nsa.
6Yakob Nyankopɔn, w’ateatea nti
na nteaseɛnam ne apɔnkɔ nyinaa adeda nnahɔɔ.
7Wo na wo ho yɛ hu,
na sɛ wo bo refu a,
hwan na ɔbɛtumi agyina w’anim?
8 # Dwom 46.10; Hab 2.20 Wofiri soro maa wɔtee atemmuo,
asase suroe na ɛtɛm dinn,
9berɛ a Onyankopɔn sɔre bɛbuu atɛn,
sɛ ɔbɛgye wɔn a wɔdwoɔ asase soɔ nyinaa no.
10Na nnipa abufuhyeɛ dane wo ayeyie,
wode abufuhyeɛ a ɛboro soɔ bɔ abɔsoɔ.
11 # Eks 15.11; Deut 7.21 Monhyɛ AWURADE, mo Nyankopɔn, bɔ, na momfa mma no.
Ma wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa
mfa ayɛyɛdeɛ mmrɛ deɛ ne ho yɛ hu no.
12Ɔhu atumfoɔ home gu,
ne ho yɛ asase so ahemfo hu.

Currently Selected:

Nnwom 76: ASW

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in

Video for Nnwom 76