YouVersion Logo
Search Icon

Nnwom 75

75
Onyankopɔn yɛ wiase temmufoɔ tenenee
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Al-taset” sankuo nne so. Asaf dwom.
1 # Yes 46.13 Onyankopɔn, yɛda wo ase da wo ase,
na wo din abɛn; wɔka w’anwanwadeɛ kyerɛ.
2Mɛba berɛ a ɛsɛ mu,
na me ara mabɛbu atɛntenenee.
3Asase ne wɔn a wɔte soɔ nyinaa mu hodwo a,
me na mede mu afadum mesisi hɔ.
4Mese ahokyerɛfoɔ sɛ: Monnyɛ ahokyerɛ.
Na mese abɔnefoɔ sɛ: Mommma abɛn no so.
5Mommma mo abɛn so nnkɔ soro,
monnto bamkɔn nnkasa.
6Na ɛmfiri apueeɛ, na ɛmfiri atɔeɛ,
nanso ɛmfiri mmepɔ serɛ so,
7 # 1 Sa 2.7 na mmom Onyankopɔn na ɔbu atɛn,
ɔbɛbrɛ oyi ase, na wama oyi so.
8 # Dwom 60.3 Na kuruwa bi wɔ AWURADE nsam,
na emu bobesa ani firi ahuro,
mfrasa ayɛ mu ma, na ɔhwie bi; ampa ara,
aseɛ puo mpo, asase so abɔnefoɔ nyinaa bɛfefe anom.
9Na me deɛ, mɛka ɛho asɛm daa,
mɛto Yakob Nyankopɔn ayeyie dwom,
10na abɔnefoɔ mmɛn nyinaa, mɛbubu,
teneneefoɔ mmɛn na wɔbɛma soɔ.

Currently Selected:

Nnwom 75: ASW

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in

Video for Nnwom 75