Nnwom 74
74
Asafo no amanehunu mu sufrɛ
Asaf nnweneho dwom.
1Onyankopɔn, adɛn nti na woasum yɛn agu koraa,
na w’abufuo rehye w’adidibea nnwan?
2 #
Dwom 132.13
Kae w’asafo a wotɔɔ wɔn teteete,
woagye wɔn sɛ w’agyapadeɛ mantam no,
Sion bepɔ a wobɛtenaa soɔ no.
3Ma wo nan so bɛhwɛ daa amamfo no,
ɔtamfoɔ asɛe kronkronbea hɔ ade nyinaa.
4W’atamfo teateam w’ahyiaeɛ mu,
wɔasi wɔn nsɛnkyerɛnneɛ de ayɛ nsɛnkyerɛnneɛ.
5Wɔyɛɛ sɛ nnipa a wɔma mmonnua so kɔ soro
de rebɛbu kwae mu nnupa,
6na afei — ɛho nnwinneɛ nyinaa,
wɔde akuma ne asaeɛ abubu.
7 #
2 Ah 25.9
Wɔde ogya ato wo kronkronbea hɔ,
wɔagu deɛ wo din tenaeɛ no ho fi.
8 #
Dwom 83.12
Wɔkae wɔn akoma mu sɛ:
Momma yɛmmia wɔn nkɔ fam prɛko.
Wɔahyehye Nyankopɔn ahyiaeɛ nyinaa asase so.
9Yɛnhunu yɛn nsɛnkyerɛnneɛ,
odiyifoɔ bi nni hɔ bio,
na yɛn mu biara nnim da ko a ɛbɛkɔ akɔsie.
10Onyankopɔn, ɔhohiahiafoɔ nka ahohorasɛm nkɔsi da bɛn?
Ɔtamfoɔ ngu wo din ho fi daa anaa?
11Adɛn nti na wotwe wo nsa, wo nsa nifa?
Yi firi wo kokom, wie wɔn.
12Nanso Onyankopɔn ne me hene firi teteete,
ɔyɛ ɔgyeɛ adwuma asase so.
13 #
Eks 14.21; 15.8-10 Wo na wode w’ahoɔden paee po mu,
wobobɔɔ nsuo atweaseɛ ti, nsuo no ani.
14Wopɛkyɛɛ dɛnkyɛmmirampɔn ti,
wode no yɛɛ ɛserɛ sofoɔ aduane.
15 #
Dwom 104.10
Wo na woyii nsuo ani ne asubɔnten,
womaa asukɛseɛ a ɛsene daa wee.
16 #
Dwom 104.19
Adekyeeɛ yɛ wo deɛ, anadwo nso wɔ wo,
wo na woasiesie akanea ne owia.
17Wo na woatwa asase ano nyinaa hyeɛ,
wo na woyɛɛ ahuhuro ne awɔ berɛ.
18Kae yei sɛ atamfoɔ bɔɔ AWURADE ahohora,
AWURADE, na ɔman agyegyentwie guu wo din ho fi.
19Mfa w’anyankuku kra nhyɛ mmoa nsa,
mma wo werɛ mmfiri wo mmɔborɔfoɔ kra da.
20Ma w’ani mmra apam no so,
na atirimuɔdensɛm tenabea ayeyɛ asase so nkokoam ma.
21Mma deɛ wɔhyɛ no soɔ mmfa ahohora nnsane mmma,
ma ɔmanehunufoɔ ne ohiani nyi wo din ayɛ.
22Onyankopɔn, sɔre, bɛdi wo ara w’asɛm,
kae sɛdeɛ nkwasea bɔ wo ahohora da mu nyinaa.
23Mma wo werɛ mmfiri w’atamfo nne,
wɔn a wɔsɔre tia woɔ no gyegyeegye a ɛkɔ soro daa yi.
Currently Selected:
Nnwom 74: ASW
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012