Nnwom 37
37
Abɔnefoɔ ahotɔ nkyɛ
Dawid deɛ.
1 #
Mmb 24.19
Nha wo ho nnebɔneyɛfoɔ nti,
mma wo bo nnha wo amumuyɛfoɔ ho;
2na ɛrenni da bi na wɔatwa wɔn agu sɛ ɛserɛ,
na wɔakusa sɛ wura mono a wɔatwa.
3 #
Dwom 37.27, 29 Bata AWURADE ho, na yɛ papa,
tena asase so, na di nokorɛ,
4na ma w’ani nka AWURADE ho,
na wama wo deɛ w’akoma pɛ.
5 #
1 Pe 5.7
Fa wo kwan hyɛ AWURADE nsam,
na fa wo ho to ne so, na ɔno na ɔbɛyɛ,
6 #
Dwom 97.11; 112.4; Hiob 11.17 na wayi wo tenenee adi sɛ adekyeeɛ,
ne wo bem sɛ owigyinaeɛ.
7 #
Dwom 73.3
Yɛ komm ma AWURADE, na tɔ wo bo ase twɛn no.
Nha wo ho, deɛ ne kwan asi no yie no nti,
onipa a ɔdi ne bo soɔ no nti.
8Ma abufuo ntwa, na gyae bo bɔne yɛ,
nha wo ho, na ɛbɛwie bɔne nko,
9 #
Dwom 37.11, 22, 29, 34 na wɔbɛyi nnebɔneyɛfoɔ hɔ,
na wɔn a wɔtwɛn AWURADE no, wɔn na wɔbɛnya asase no adie.
10 #
Dwom 37.35
Aka kakraa bi na ɔbɔnefoɔ nni hɔ,
na wɔhwehwɛ ne tenaberɛ a, na ɔnni hɔ.
11 #
Dwom 37.9; Mat 5.5 Na ahobrɛasefoɔ bɛtena asase no so,
na wɔagye wɔn ani asomdwoeɛ bebree mu.
12Ɔbɔnefoɔ susu ɔteneneeni ho asɛm,
na ɔtwɛre ne se gu ne so,
13 #
Hiob 18.20
AWURADE sere no,
ɛfiri sɛ wahunu sɛ ne da reba.
14 #
Dwom 11.2
Abɔnefoɔ atwe nkrantɛ,
na wɔakuntunu wɔn tadua mu
sɛ wɔbɛma ɔmanehunufoɔ ne ohiani ahwe ase,
na wɔaku wɔn a wɔn abrabɔ yɛ:
15Wɔn nkrantɛ bɛwɔ wɔn ara wɔn akoma mu,
na wɔn tadua abubu.
16 #
Mmb 15.16
Adeɛ kakra a onipa tenenee wɔ no yɛ
sene abɔnefoɔ bebree ahonyadeɛ dodoɔ,
17na abɔnefoɔ abasa bɛbubu,
na AWURADE wowa ateneneefoɔ.
18AWURADE nim wɔn a wɔdi mu no nna,
na wɔn agyapadeɛ bɛtena hɔ daa.
19 #
Dwom 33.19
Wɔn ani renwu berɛ bɔne mu,
na wɔbɛmee, ɛkɔm nna mu.
20 #
Dwom 68.2
Na abɔnefoɔ deɛ, wɔbɛyera,
na AWURADE atamfoɔ bɛyɛ sɛ ɛserɛ so nhwiren,
wɔbɛhye awie sa sɛ wisie.
21Ɔbɔnefoɔ fɛm, na ɔntua,
na ɔteneneeni hunu mmɔbɔ, na ɔma.
22 #
Dwom 37.9
Na wɔn a wahyira wɔn na ɛbɛtena asase so,
na wɔn a wabɔ wɔn dua no, wɔbɛyi wɔn hɔ.
23AWURADE na ɔde onipa anammɔn sisi yie,
na ne kwan sɔ n’ani,
24 #
Mmb 24.16
sɛ ɔhwe ase a, ɔrentɔ fam tim,
ɛfiri sɛ AWURADE kura ne nsam.
25 #
Dwom 34.9-10
Mayɛ abɔfra, na afei mabɔ akora,
nanso menhunuu onipa tenenee a wɔapa no
anaasɛ n’asefoɔ resrɛ aduane.
26Ɔhunu mmɔbɔ daa, na ɔde fɛm,
na n’asefoɔ nso yɛ nhyira.
27 #
Dwom 34.14
Firi bɔne ho na yɛ papa,
na woatena hɔ daa;
28 #
Dwom 11.7
ɛfiri sɛ AWURADE dɔ atɛntenenee,
na ɔrennya n’ahotefoɔ.
Ɔhwɛ wɔn so daa,
na abɔnefoɔ asefoɔ deɛ, wɔbɛyi wɔn hɔ.
29 #
Yes 60.21
Ateneneefoɔ bɛtena asase so,
na wɔatena so daapem.
30Ɔteneneeni ano ka nyansasɛm,
na ne tɛkyerɛma bu atɛntenenee;
31 #
Dwom 40.8
ne Nyankopɔn mmara wɔ n’akomam,
na ne nan nwatiri.
32 #
Dwom 10.8-10
Ɔbɔnefoɔ tɛ ɔteneneeni,
na ɔhwehwɛ sɛ ɔku no.
33 #
Dwom 34.22
AWURADE rennya no ne nsam,
na sɛ wɔbu no atɛn a, ɔremmu no fɔ.
34 #
Dwom 37.9
Twɛn AWURADE, na fa ne kwan so,
na ɔbɛma wo so, na woanya asase no atena so;
sɛ wɔhye abɔnefoɔ ase a, wobɛhunu.
35 #
Hiob 5.3-5; 20.6-7; Hes 31.3-14 Mahunu ɔbɔnefoɔ a ɔdi tumi,
na ɔdennane sɛ dua frɔmm a anya asiyɛ,
36 #
Dwom 37.10
na obi twaa mu no, na hwɛ, ɔnni hɔ,
na mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.
37 #
Gye 39.8-9
Kari onipa a ɔyɛ pɛ, na hwɛ deɛ ɔtene;
sɛ saa onipa no awieeɛ yɛ asomdwoeɛ.
38Na mmaratofoɔ deɛ, wɔbɛsɛe wɔn nyinaa prɛko,
abɔnefoɔ ase deɛ, wɔbɛhye.
39 #
Dwom 46.1
Na ateneneefoɔ nkwagyeɛ firi AWURADE,
ɔne wɔn dwanekɔhyɛbea, ahohia da mu.
40 #
Luka 18.8
Na AWURADE boa wɔn, na ɔgye wɔn,
ɔyi wɔn firi abɔnefoɔ nsam, na ɔgye wɔn nkwa,
ɛfiri sɛ wɔde wɔn ho to ne so.
Currently Selected:
Nnwom 37: ASW
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012