1
Nnwom 37:4
New Revised Asante Twi Bible
ASW
na ma w’ani nka AWURADE ho, na wama wo deɛ w’akoma pɛ.
Compare
Explore Nnwom 37:4
2
Nnwom 37:5
Fa wo kwan hyɛ AWURADE nsam, na fa wo ho to ne so, na ɔno na ɔbɛyɛ
Explore Nnwom 37:5
3
Nnwom 37:7
Yɛ komm ma AWURADE, na tɔ wo bo ase twɛn no. Nha wo ho, deɛ ne kwan asi no yie no nti, onipa a ɔdi ne bo soɔ no nti.
Explore Nnwom 37:7
4
Nnwom 37:3
Bata AWURADE ho, na yɛ papa, tena asase so, na di nokorɛ
Explore Nnwom 37:3
5
Nnwom 37:23-24
AWURADE na ɔde onipa anammɔn sisi yie, na ne kwan sɔ n’ani, sɛ ɔhwe ase a, ɔrentɔ fam tim, ɛfiri sɛ AWURADE kura ne nsam.
Explore Nnwom 37:23-24
6
Nnwom 37:6
na wayi wo tenenee adi sɛ adekyeeɛ, ne wo bem sɛ owigyinaeɛ.
Explore Nnwom 37:6
7
Nnwom 37:8
Ma abufuo ntwa, na gyae bo bɔne yɛ, nha wo ho, na ɛbɛwie bɔne nko
Explore Nnwom 37:8
8
Nnwom 37:25
Mayɛ abɔfra, na afei mabɔ akora, nanso menhunuu onipa tenenee a wɔapa no anaasɛ n’asefoɔ resrɛ aduane.
Explore Nnwom 37:25
9
Nnwom 37:1
Nha wo ho nnebɔneyɛfoɔ nti, mma wo bo nnha wo amumuyɛfoɔ ho
Explore Nnwom 37:1