Nnwom 36
36
Nyankopɔn adɔeɛ
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. AWURADE akoa Dawid deɛ.
1 #
Rom 3.18
Ɔbɔnefoɔ mmarato kasa
wɔ n’akoma mu:
Nyankopɔn suro biara
nni n’ani so.
2Na ɔbu ne ho bi ɔno ara ani so
sɛ wɔrenhunu n’amumuyɛ na wɔakyi.
3N’anomu nsɛm yɛ ahuhusɛm ne nnaadaa,
wagyae nimdeɛsua ne papayɛ.
4 #
Mika 2.1
Ɔdwene amumuyɛdeɛ ne kɛtɛ so,
ɔde ne nan asi ɔkwan a ɛnyɛ so;
bɔne deɛ, ɔnkyi.
5 #
Dwom 57.10; 108.4 Ao, AWURADE, w’adɔeɛ kɔduru soro,
na wo nokorɛ kɔduru wiem tɔnn.
6 #
Dwom 125.1-2
Wo tenenee te sɛ Nyankopɔn mmepɔ,
w’atemmuo te sɛ ebunu a emu dɔ.
AWURADE, wogye nnipa ne mmoa nkwa.
7Ao, Onyankopɔn, hwɛ sɛdeɛ w’adɔeɛ no si so fa!
Na nnipa mma de wɔn ho kɔhyɛ wo ntaban nwunu ase.
8 #
Dwom 23.5
Wo fie mu sradeɛ meemee wɔn,
na woma wɔnom w’anigyeɛ asubɔnten.
9 #
Yer 2.13
Ɛfiri sɛ wo nkyɛn na nkwa nsutire wɔ,
wo hann mu na yɛhunu hann.
10Ma w’adɔeɛ nkyɛre mma wɔn a wɔni woɔ,
ne wo tenenee mma akoma mu teefoɔ.
11Mma ɔhantanni nan nntia me,
na mma abɔnefoɔ nsa nnsum me!
12Ɛnneɛ na amumuyɛfoɔ atotɔ,
wɔasum wɔn ahwehwe fam a wɔntumi nsɔreɛ.
Currently Selected:
Nnwom 36: ASW
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012