Nnwom 143
143
Mmoa ho sufrɛ
Dawid dwom.
1AWURADE, tie me mpaebɔ,
yɛ aso ma me nkotosrɛ,
wo nokorɛdie mu gye me so, wo tenenee mu.
2 #
Dwom 130.3; Hiob 9.2 Na mfa w’akoa nkɔ atemmuo mu,
na w’anim ɔteasefoɔ biara renni bem.
3Na ɔtamfoɔ taa me kra,
ɔbɔ me nkwa hwe fam,
ɔma metena sum mu sɛ wɔn a wɔawu dadaada.
4Na me honhom tɔ piti me mu,
m’akoma asene me yam.
5 #
Dwom 77.5
Mekae tete nna,
medwene wo nneyɛɛ nyinaa ho,
mesusu wo nsa ano nnwuma ho.
6 #
Dwom 42.1-2; 63.1 Metene me nsam mekyerɛ wo,
wo ho sukɔm de me kra sɛ asase a awoɔ.
7 #
Dwom 28.1
O AWURADE, yɛ ntɛm gye me so,
me honhom tɔ piti,
nyi w’ani nhunta me,
na manyɛ sɛ wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu.
8Ma mente w’adɔeɛ anɔpa,
na wo so na mede me ho metoɔ.
Ma menhunu kwan a memfa soɔ,
na wo na mema me kra so mekyerɛ woɔ.
9O AWURADE, yi me firi m’atamfoɔ nsam.
Wo nkyɛn na mede me ho makora.
10 #
Dwom 25.5
Kyerɛkyerɛ me deɛ wopɛ yɛ,
na wone me Nyankopɔn,
wo honhom pa no
nnya me asase tee so.
11 #
Dwom 23.3; 119.25 Wo din nti, AWURADE, ma mennya nkwa,
wo tenenee mu yi me kra firi ahohia mu,
12 #
Dwom 116.16
na w’adɔeɛ mu yi m’atamfoɔ hɔ,
na sɛe wɔn a wɔha me kra nyinaa,
na w’akoa ne me.
Currently Selected:
Nnwom 143: ASW
Highlight
Share
Compare
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012