1
Nnwom 143:10
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Kyerɛkyerɛ me deɛ wopɛ yɛ, na wone me Nyankopɔn, wo honhom pa no nnya me asase tee so.
Compare
Explore Nnwom 143:10
2
Nnwom 143:8
Ma mente w’adɔeɛ anɔpa, na wo so na mede me ho metoɔ. Ma menhunu kwan a memfa soɔ, na wo na mema me kra so mekyerɛ woɔ.
Explore Nnwom 143:8
3
Nnwom 143:9
O AWURADE, yi me firi m’atamfoɔ nsam. Wo nkyɛn na mede me ho makora.
Explore Nnwom 143:9
4
Nnwom 143:11
Wo din nti, AWURADE, ma mennya nkwa, wo tenenee mu yi me kra firi ahohia mu
Explore Nnwom 143:11
5
Nnwom 143:1
AWURADE, tie me mpaebɔ, yɛ aso ma me nkotosrɛ, wo nokorɛdie mu gye me so, wo tenenee mu.
Explore Nnwom 143:1
6
Nnwom 143:7
O AWURADE, yɛ ntɛm gye me so, me honhom tɔ piti, nyi w’ani nhunta me, na manyɛ sɛ wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu.
Explore Nnwom 143:7
7
Nnwom 143:5
Mekae tete nna, medwene wo nneyɛɛ nyinaa ho, mesusu wo nsa ano nnwuma ho.
Explore Nnwom 143:5