Nnwom 142
142
Mmoa ho adesrɛ
Dawid nnweneho dwom. Mpaeɛ a ɔwɔ ɔbodan mu no, ɔbɔeɛ.
1 #
1 Sa 24.3
Mede me nne mesu mefrɛ AWURADE,
mede me nne mekoto mesrɛ AWURADE,
2mehwie m’abooboo megu n’anim,
meka m’ahohia mekyerɛ no.
3 #
Dwom 138.7
Me honhom tɔ piti me mu a,
wo na wonim me kwan.
Ɛkwan a menam soɔ no so
na wɔsum me fidie.
4Mehwɛ nifa, na hwɛ,
obi nni hɔ a n’ani ku me ho,
dwanekɔbea abɔ me,
obiara mfa me kra nyɛ huu.
5 #
Dwom 27.13
Mesu mefrɛ wo, AWURADE.
Mese: Wone me dwanekɔbea,
me kyɛfa, ateasefoɔ asase so.
6 #
Dwom 7.1
Wɛn w’aso tie me su,
na mayɛ hodwoo,
yi me firi m’ataafoɔ nsam,
na wɔn ho yɛ den kyɛne me.
7Yi me kra firi afiase,
na mayi wo din ayɛ.
Ateneneefoɔ bɛtwa me ho ahyia
sɛ wo ne me adi no yie.
Currently Selected:
Nnwom 142: ASW
Highlight
Share
Compare
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012