YouVersion Logo
Search Icon

Nnwom 128

128
Efie ahotɔ
Ɔsoroforɔ dwom.
1Nhyira ne obiara a ɔsuro AWURADE,
na ɔfa n’akwan soɔ.
2Na wobɛdi wo nsa ano adwuma,
nhyira ne wo, na ɛbɛsi wo yie.
3 # Dwom 127.3 Wo yere yɛ sɛ obobe a ɛso, wo fie mpia mu,
wo mma yɛ sɛ ngodua
a wɔatetɛ atwa wo pono ho ahyia.
4Hwɛ, sɛdeɛ wɔhyira onipa a ɔsuro AWURADE nie.
5AWURADE mfiri Sion nhyira wo,
na hunu Yerusalem yiedie
wo nkwa nna nyinaa,
6 # Dwom 125.5 aane, na hunu wo mma mma.
Asomdwoeɛ mmra Israel so.

Currently Selected:

Nnwom 128: ASW

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in