YouVersion Logo
Search Icon

Nnwom 127

127
AWURADE nhyira ne ade kɛse
Ɔsoroforɔ dwom. Salomo deɛ.
1Sɛ AWURADE ansi dan no a,
wɔn a wɔsie yɛ ho adwuma kwa.
Sɛ AWURADE anwɛn kuro no a,
ɔwɛmfoɔ siri ho pɛ kwa.
2 # Mmb 10.22 Kwa ara na motua ahema sɔre na monnye
moahome papa biara, mpo anadwo brɛ.
Na mobrɛ ansa na moanya aduane adi.
Nanso AWURADE siesie de ma n’adɔfoɔ
mpo berɛ a wɔadeda.
3 # Gye 33.5; Dwom 123.3-4 Hwɛ, AWURADE agyapadeɛ ne mma,
na yafunu mu aba yɛ akatua.
4Sɛ ɔbrane nsam bɛmma teɛ no,
sɛ mmeranteberɛm mma teɛ ne no.
5Nhyira ne ɔbarima a
wɔahyɛ n’agyan kotokuo ma,
wɔne wɔn atamfoɔ kasa kuro pono mu a,
wɔn ani renwu.

Currently Selected:

Nnwom 127: ASW

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in