YouVersion Logo
Search Icon

Nnwom 129

129
Amanehunu a aba atwam
Ɔsoroforɔ dwom.
1Wɔahiahia me ho pii firi me mmɔfraase,
ma Israel nka ɛ,
2wɔahiahia me ho pii firi me mmɔfraase,
nanso wɔantumi me.
3 # Yes 50.6; 51.23 Fɛntɛmfoɔ afɛntɛm m’akyi,
wɔama wɔn aka awoware.
4Nanso AWURADE tene,
watwitwa abɔnefoɔ homa mu.
5Ma wɔn ani nwu
na wɔnsane wɔn akyi,
wɔn a wɔtane Sion nyinaa.
6Ma wɔnyɛ sɛ adan atifi wira
a ɛnnya mfefɛeɛ na ahyeɛ,
7ɛnhyɛ otwitwafoɔ nsa
anaa ɔkyekyerefoɔ basa mu ma,
8 # Rut 2.4 na wɔn a wɔtwam mpo nka sɛ:
AWURADE nhyira mmra mo so no,
yɛhyira mo AWURADE din mu.

Currently Selected:

Nnwom 129: ASW

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in