Nnwom 126
126
Wɔn a wɔde nisuo guo de ahurisie bɛtwa
Ɔsoroforɔ dwom.
1 #
Dwom 14.7
Berɛ a AWURADE de Sion firi nnommum sane baeɛ no,
yɛyɛɛ sɛ adaeɛsofoɔ.
2Ɛno na sereɛ hyɛɛ yɛn anomu ma,
na anigyeɛ dwom hyɛɛ yɛn tɛkyerɛma so ma.
Ɛno na wɔkaa no amanaman mu sɛ:
AWURADE ayɛ ade kɛseɛ ama wɔn.
3AWURADE ayɛ ade kɛseɛ ama yɛn,
yɛn ani agye.
4AWURADE, fa yɛn firi nnommum sane bra
sɛ anafoɔ fam asase so asutene.
5 #
Mat 5.4
Wɔn a wɔde nisuo guo
de ahurisie bɛtwa.
6 #
Yes 35.10
Sɛ mpo wɔde nisuo nenam
kura aba a wɔguo no a,
wɔde ahurisie bɛkura
n’ayemfi aba.
Currently Selected:
Nnwom 126: ASW
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012