Kɔ ɔman yi nkyɛn, na kɔka sɛ:
Ɛteɛ deɛ, mobɛte, na morente aseɛ,
na ehunu nso, mobɛhunu, na morenhunu mu.
Na ɔman yi akoma apirim,
na wɔmfa wɔn aso nte asɛm yie,
na wɔamuamua wɔn ani;
na wɔamfa wɔn ani anhunu adeɛ,
na wɔamfa wɔn aso ante asɛm,
na wɔamfa wɔn akoma ante aseɛ,
na wɔannane amma me nkyɛn na mansa wɔn yadeɛ.